Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 15:1 - Apam Foforɔ

1 Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 15:1
25 Referans Kwoze  

Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Na Farisifoɔ he mu binom a bɛagye Nyankopɔn asɛm adi he sɔre kaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ betwa bɛ twetia na bɛhyɛ bɛ sɛ benni Mose mmara so.”


Honhwɛ yie na biaa amfa nipa nyansa ne nnaadaa hunu a ɔnam nnipa nhyehyɛeɛ so, ne wiase ahonhom so ammɛfa ho nommum, efiri sɛ saa nnoɔma yi nyinaa mfiri Kristo,


Esiane sɛ yɛate sɛ yɛ mu bi de nsɛm ɔɔteetee ho pɛ sɛ bɛsɛeɛ ho adwene berɛ a yɛmmaa bɛ akwankyerɛ biaa nti,


Mose maa ho twetiatwa (ɔnyɛ sɛ ofiri Mose hɔ, na mmom ofiri agyanom hɔ), na ho twa nipa twetia homeda.


Na mfie dunan akyi he, mekɔɔ Yerusalem bio a na Barnaba ne Tito ka me ho.


Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse.


na yɛate sɛ ɔdɛ Yesu yi a ɔyɛ Nasareni he bedwiri bea yi agu fam na wasakra amanneɛ a Mose de maa yɛ he.”


Nti hommma bi mmu ho atɛne aduane anaa anonneɛ anaa nnapɔnna anaa bosome foforɔ afahyɛ anaa home nna fam.


Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho.


Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu.


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.


Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene.


Ɔyɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛ anim bɛba nyam honam mu he ne bɛhyɛ ho sɛ hontwa twetia, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛnntaa bɛ Kristo asennua he ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite