Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 14:3 - Apam Foforɔ

3 Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 14:3
17 Referans Kwoze  

berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Na afei mede ho hyɛ Nyankopɔn ne asɛm a ɔfa n’adom he ho, asɛm a obetumi ahyɛ ho dene na ama hoanya agyapadeɛ bɛ a bɛate bɛ ho nyinaa mu.


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


Na m’ani nwu asɛmpa he ho; efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn tumi a ɔnam so gye biaa a ɔwɔ gyidie nkwa, Yudafoɔ ne bedi kane, na afei Helafoɔ nso.


Na bɛkɔɔ abɔntene kɔbɔɔ asɛm he dawuro baabiaa, na Awurade de bɛ yɔɔ adwuma na ɔde nsɛnkyerɛnne a odi akyire hyɛɛ asɛm he dene.]


Na yɛyɛ nsɛm he ho adansefoɔ, na Honhom Kronkron a Nyankopɔn de ama bɛ a betie no he nso di adanseɛ.”


“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;


Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ho deɛ, hoanhu nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a honnye nni.”


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite