8 Nso na nkonyaayifoɔ Elima (a Hela kasaa mu bɛfrɛ no Bar-Yesu) ya hɔ; ofirii aseɛ ne bɛ dii asie, pɛɛ sɛ ɔdane amrado he firi gyidie he ho.
Sɛnea Yane ne Yambrɛ ko tiaa Mose he, saa ara ne yeinom nso ne nɔkorɛ he di asie. Bɛyɛ nnipa a bɛ adwene aporɔ na bɛ gyidie nyɛ papa.
Afei berɛ a amrado he huu nea asi he, ɔgye diiɛ, efiri sɛ Awurade ho nkyerɛkyerɛ he yɛɛ no ahodwiri.
Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma.
Afei na beema bi ya kuro he mu a bɛfrɛ no Simon, a na oyi nkonyaa ma Samaria mane he ho dwirii bɛ, na ɔka sɛ ɔyɛ nipa kɛseɛ.
Na Nyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛeɛ, na asuafoɔ he kɔɔ so yɛɛ dodo ya Yerusalem, na Yudafoɔ som he mu asɔfoɔ mu pii gyee asɛm he diiɛ.
Ohuu ɔnoaa ne nua Simon Petro kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu Mesaia he” (nea bɛasra no ngo he).
Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim
Nti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a bɛka ne ho he wɔ bi ho asɛm a, nna a bedi asɛm ya hɔ, na amradofoɔ nso ya hɔ; sɛ bi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa nkɔ ma badwa he.