Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 12:7 - Apam Foforɔ

7 Mpofiremuaa Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi na hann bi hyerɛnn afiase dane he mu. Ɔbɔɔ Petro nkyɛne mu nyanee no kaa sɛ, “Sɔre ntɛm.” Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn he firii ne nsa guu fam.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 12:7
37 Referans Kwoze  

Na anadwo he, Awurade bɔfoɔ bi biee afiase apono he de bɛ firii adi kaa sɛ,


Mpofiremuaa asaase wosoɔ kɛseɛ bi si maa afiase he fapem wosowosoeɛ. Afei apono he nyinaa biebieɛ amonom hɔaa, na bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn he nyinaa sanesaneeɛ.


Na Konelio kaa sɛ, “Nnannan di, saa berɛ yi muaa, na meya me fie awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na hwɛ, beema bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyerɛnhyerɛn begyinaa m’anim.


Nti ne Twerɛ he ka sɛ, “Wo a wada, nyane! Sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn ama wo.”


Nyankopɔn anyane no afiri wuom, na waayi wuo-yeyaa afiri ne so, efiri sɛ ontumi mma sɛ ɔbɛkɔ so ahu wuo amaneɛ.


Berɛ a bɛ tirim ayɛ bɛ kesenenee he, hwɛ, mmeema mmienu a bɛhyehyɛ ntaadeɛ nahanaha begyinaa bɛ nkyɛne.


Amonom hɔaa Awurade bɔfoɔ begyinaa bɛ nkyɛne, na Awurade animuonyam hyerɛn twaa bɛ ho hyiaeɛ, na hu kaa bɛ yie.


Hɔaa ne Awurade bɔfoɔ bɔɔ no, efiri sɛ wamfa animuonyam amma Nyankopɔn, na ɔdɔree mmoa wuiɛ.


Afei ɔnam kwane he so ɔɔkɔ a ɔbene Damasko he, mpofiremuaa hann bi firi soro hyerɛn twaa ne ho hyiaeɛ.


Yei akyi he, mehuu bɔfoɔ foforɔ sɛ ofiri soro ɔɔba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na n’animuonyam hyerɛn asaase so nyinaa.


Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa?


Saa anadwo heaa a Herode de Petro ɔɔbɛma nkurofoɔ he, na Petro da asraafoɔ mmienu ntam a nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu gu ne nsa, na awɛmfoɔ ya pono he ano ɔɔbɔ deduafie he ho bane.


Na nsoromma mu animdifoɔ he firii hɔ he, Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, na honnwane nkɔ Misraim, na hontena hɔ nkosi sɛ mɛka bibi akyerɛ ho bio ɔfa yei ho; efiri sɛ Herode ɔɔpɛ abɔfra he aku no.”


Bɔfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Bɔ w’abɔsoɔ na hyɛ wo mpaboa.” Na Petro yɔɔ saa. Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ntoma he kyekyere wo ho na di m’akyi.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite