6 Saa anadwo heaa a Herode de Petro ɔɔbɛma nkurofoɔ he, na Petro da asraafoɔ mmienu ntam a nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu gu ne nsa, na awɛmfoɔ ya pono he ano ɔɔbɔ deduafie he ho bane.
Na sahene he bɛnee hɔ kɔsɔɔ ne mu hyɛɛ sɛ bɛmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Na ofirii aseɛ bisaa nipa ko a ɔyɛ ne nea wayɔ.
Ne saa nti, yebetumi de akokoɔduro aka sɛ, “Nyankopɔn ne me boafoɔ; Mensuro. Ɛɛne ne nipa betumi de ayɔ me?”
Awurade nhu Onesiforo fie mmɔbɔ, efiri sɛ na ɔtaa ma me ho tɔ me, na n’ani nwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho;
na ɔno ho somafoɔ ne meyɛ ya nkɔnsɔnkɔnsɔn mu yi. Hommɔ mpaeɛ sɛ mede akokoɔduro bɛpae mu aka asɛm biaa a ɔsɛ sɛ meka.
Nɔkwasɛm ne sɛ, asɛm yi ho nti ne mesrɛɛ sɛ mepɛ sɛ mehu ho ne ho kasa, efiri sɛ Israel anidasoɔ nti ne bɛagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.”
“Yɛahu sɛ bɛatoto afiase apono he nyinaa mu dendenndene a awɛmfoɔ he gyinagyina apono he ano, nso yebieɛ he yɛanhu biaa hɔ.”
Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ he ho popoeɛ, na bɛyɛɛ sɛ nea bɛawuwu.
Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.