Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 12:4 - Apam Foforɔ

4 Na ne nsa kaa no he, ɔde no too afiase de no hyɛɛ akuo nnan a asraafoɔ nnan ya mu biaa mu nsa sɛ bɛnwɛne no nnidisoɔ nnidisoɔ, a na wayɛ n’adwene sɛ, Twam Afahyɛ he akyi he, ɔde no bɛma nkurofoɔ he.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 12:4
22 Referans Kwoze  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne wuo mu mpo.”


“Nso, ansa na yeinom nyinaa bɛba he, nkurofoɔ bɛkye ho, na bɛataa ho, de ho akɔ hyia adane mu ne afiase, atwe ho akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim, me dini nti.


sɛ ɔmmɛyɔ nea wo nsa ne wo agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɔbɛba he.


Nti bɛkyee bɛ kɔtoo afiase ma adeɛ kyeeɛ, efiri sɛ na adeɛ asa dada.


Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.


Nso bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ afahyɛ berɛ he mu ne ɔsɛ sɛ bɛyɔ saa, anyɛ saa basabasa bɛba mane he mu.”


“Saa mmerɛ he bebeyi ho ama sɛ bɛmfa homfa ahohiahia mu, na bɛaku ho, na me dini nti amane nyinaa bɛtane ho.


Nso Saulo firii aseɛ tuu n’ani sii asafo he so. Owurawuraa afie mu kɔtwee mmaa ne mmeema de bɛ koguu afiase.


bɛkyee asomafoɔ he de bɛ guu afiase.


Na asraafoɔ he bɔɔ Yesu asennua mu wieeɛ he, bɛfaa n’ataadeɛ ngugusoɔ he kyɛɛ mu nnan maa sraani biaa nyaa baako, ɔne n’ataadeɛ nhyɛaseɛ. Nso na ataadeɛ nhyɛaseɛ he nni mpameeɛ, bɛnwene firi soro besii fam.


Na aka nnaanu na Twam ne Apiti afahyɛ he aduru. Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he ɔɔpɛ nyansa kwane bi afa so akye Yesu, na bɛaku no;


Na ohuu sɛ nea wayɔ he asɔ Yudafoɔ he ani he, ɔkɔkyee Petro nso. (Na saa bere he yɛ bere a bedi paanoo a mmɔreka nnim.)


Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite