Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 12:12 - Apam Foforɔ

12 Na ohuu yei he, ntɛmaa ɔkɔɔ Yohane a na ɔsane de Marko he maame Maria fie. Na nnipa pii ahyia hɔ ɔɔbɔ mpaeɛ.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 12:12
14 Referans Kwoze  

Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.


ɔne Marko, Aristarkus, Demas ne Luka a bɛyɛ me yɔnko adwumayɔfoɔ kyea wo.


Berɛ a beduru Salami he, befirii aseɛ bɔɔ Nyankopɔn asɛm he dawuro Yudafoɔ hyia adane mu. Na Yohane boaa bɛ bɛ dwumadie mu.


Na Barnaba ne Saulo wiee bɛ dwumadie he, bɛsane baa Yerusalem bɛfaa Yohane a bɛfrɛ no Marko he kaa bɛ ho sane baeɛ.


Luka nkoaa ne ya me nkyɛne. Fa Marko ka wo ho bra, efiri sɛ ne ho hia me som adwuma mu paa.


Aristarko, me yɔnko deduani kyea ho, saa nso ne Marko a ɔyɛ Barnaba nua nso kyea ho, nea mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ ho sɛ, sɛ ɔba ho nkyɛne a, wonnye no fɛ so he.


Afei mmeema he ne Paulo faa po so firii Pafo kɔɔ Perge a ɔya Pamfilia. Na Yohane deɛ, ɔne bɛ dii ntete mu sane kɔɔ Yerusalem.


Befirii afiase he bɛkɔɔ Lidia fie. Na berɛ a bɛhyɛɛ anuanom nkurane wieeɛ he, bɛkɔeɛ.


Begyae bɛ he, bɛkɔɔ bɛ mfɛfoɔ nkyɛne kɔkaa nea sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ he kyerɛɛ bɛ.


Asafo a Nyankopɔn ayi no Babel he ne me ba Marko kyea ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite