Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.
Nso mmoa a manya afiri Nyankopɔn nkyɛne nti ne makɔ so atena hɔ abesi nnɛ a megyina ha oodi adanseɛ akyerɛ nipasu ahodoɔ nyinaa yi, menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifoɔ he ne Mose kaeɛ sɛ ɔbɛba he,
na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’
Nti gyidie a yɛwɔ ya ne dini mu ne ama beema a hohu no na honim no yi anya ahoɔdene, na Yesu mu gyidie ne ama beema yi ho atɔ no korakora ya ho nyinaa ho anim yi.
Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”
Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”