Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 10:23 - Apam Foforɔ

23 Nti ɔde bɛ baa fie na ɔsom bɛ sɛ ahohoɔ. Adeɛ kyeeɛ he ɔsɔre ne bɛ kɔeɛ, na agyidifoɔ binom a befiri Yopa ka bɛ ho.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 10:23
16 Referans Kwoze  

Nti Honhom he ka kyerɛɛ me sɛ me ne bɛ nkɔ, menntwentwɛne me nane ase koraa. Na anuanom nsia yi nso ne me kɔeɛ, na yɛhyɛne beema he fie.


Agyidifoɔ a bɛatwa bɛ twetia a na bɛ ne Petro nam he ho dwirii bɛ sɛ akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he asiane agu amanamane mufoɔ mpo so,


Honyɔ ahɔhoyɛ a anwiinwii biaa nni mu.


Hommmu ho ani ngu ahɔhoyɛ so. Na binom nam ahɔhoyɛ so yɔɔ abɔfoɔ papa a na bennim sɛ bɛyɛ abɔfoɔ mpo.


na yɛ botaeɛ ne sɛ yɛbɛyɔ deɛ ɔtene, ɔnyɛ Awurade anim nkoaa, na mmom nnipa anim nso.


Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”


Ne saa nti bere a bɛsoma bɛfrɛɛ me he, manyi ano koraa ne mebaeɛ. Afei, mmɛ nti ne hosoma ma bɛfrɛɛ me.”


Asɛm yo trɛɛ Yopa mpɔtamu nyinaa sɛ wanyane afiri awufoɔ mu, na bebree begyee Awurade diiɛ.


Na afei na hɔ bɛne Yopa nti, berɛ a asuafoɔ he tee sɛ Petro ya saa kuro he mu he, bɛsomaa mmeema mmienu kɔɔ ne nkyɛne kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo ntwentwɛne wo nane ase sɛ wobɛba yɛ nkyɛne.”


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma.


Na agyidifoɔ tee yɛ nka he, befirii hɔ behyiaa yɛ Apia Dwa so ne bea bi a bɛfrɛ hɔ Nsadane-Mmeɛnsa, na Paulo ani bɔɔ bɛ so pɛ na ɔdaa Nyankopɔn ase na otwaa n’akoma too ne yam.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite