Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 10:2 - Apam Foforɔ

2 Na ɔyɛ nipa a ɔwɔ ahofama na ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Nyankopɔn, na ɔyɛ nkurofoɔ adɔeɛ pii na ɔde adesrɛ to Nyankopɔn anim daa.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 10:2
51 Referans Kwoze  

Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim.


Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”


Nti Paulo sɔre nyam ne nsa kaa sɛ: “Ho Israelfoɔ ne ho a hosuro Nyankopɔn, hontie!


na mmom mane biaa mu he, nipa a osuro no na ɔyɔ adetenenee he, ɔgye no tom.


Berɛ a bɔfoɔ a ɔne no kasaeɛ he kɔeɛaa pɛ, ɔfrɛɛ ne fie nkoa mmienu ne sraani bi a ɔwɔ ahofama firii bɛ a bɛsom no daa he mu,


Na mmeema nyamesurofoɔ bi faa Stefano kosiee no, na besuu no pii.


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.


“Me nuanom, Abraham asefoɔ ne bɛ a besuro Nyankopɔn, yɛ ne bɛde nkwagyeɛ yi ho asɛm abra yɛ.


Na afei na beema bi ya Yerusalem a bɛfrɛ no Simeon a na ɔyɛ nipa tenennee a nyamesuro ya ne mu a ɔɔtwɛne Israel awerɛkyekyerɛ, na Honhom Kronkron ya no so.


Sɛ ho mu bi hia nyansa a, ma no mmisa Nyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora biaa nni mu he, na ɔde bɛma nipa korɔ he.


Honkura mpaebɔ mu, na homfa aseda nwɛne mpaebɔ mu.


“Afei beema bi a bɛfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea Mmara he ɔɔhwehwɛ a Yudafoɔ a bɛtete hɔ nyinaa bɔ no dini pa he


Na Yudafoɔ he hyɛɛ mmaa a bedi mu, ne mmeema atitire he kutupa ma bɛtaa Paulo ne Barnaba pamoo bɛ firi mpɔtamu hɔ.


Na ɔkaa sɛ, ‘Konelio Nyankopɔn atie wo mpaebɔ na w’adɔeɛ aduru n’anim.


Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma.


Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.


Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na kɔ brɔno a bɛfrɛ no Tee he so, na kɔ Yuda fie kɔhwehwɛ beema bi a bɛfrɛ no Saulo, a ofiri Tarso he. Na hwɛ, ɔɔbɔ mpaeɛ,


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Afei na Yudafoɔ bi a bɛyɛ nyamesurofoɔ a befiri wiase amane nyinaa mu te Yerusalem.


na ɔbɛka nea ɔbɛma bɛagye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ wo.’


Saa ne deɛ onyaa mmienu he nso nyaa mmienu kaa ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite