Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 10:1 - Apam Foforɔ

1 Na beema bi ya Kaesarea a bɛfrɛ no Konelio, a ɔyɛ Italia asrafodɔm ha so panyini.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 10:1
19 Referans Kwoze  

Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.


Afei amrado asraafoɔ he faa Yesu kɔɔ amrado he abane mu, na bɛboaboa kuo he nyinaa ano twaa ne ho hyiaeɛ.


Na Filipo kopiee Asdod, na ɔkɔfaa asaase he so toaa so pae mu kaa asɛmpa he kyerɛɛ nkuro he nyinaa kosii sɛ oduruu Kaesarea.


Nso osiane sɛ na asraafoɔ panyini he pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa he nti, wamma bɛ ho kwane. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ bɛ a bebetumi adware he mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.


Afei Festo baa ne mane a odi so amrado he mu. Na nnansa akyi, ofiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem.


Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panyini he ne asraafoɔ a bɛka ne ho he sɛ, “Sɛ hyɛne yi mu adwumayɔfoɔ he dwane a, hobewuwu.”


Nna bi akyi he, Hene Agrippa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo.


Na beduruu Kaesarea he, beyii nwoma he maa amrado he, na bɛde Paulo nso kogyinaa n’anim.


Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea.


Na berɛ a bɛtwee Paulo mu a beebetwa no mmaa he, obisaa sraani panyini a ogyina hɔ he sɛ, “Nti mmara ma kwane sɛ hotwa Romani mmaa berɛ a hommuu no fɔ?”


Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne.


Afei asrafokuo he ne bɛ safohene ne Yudafoɔ awɛmfoɔ he kyee Yesu, na bɛkyekyeree no.


Nti Yuda de asrafokuo ne awɛmfoɔ a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he nkyɛne baa hɔ a na bekitakita ntanii ne nkanea ne akodeɛ.


Na sraani panyini bi akoa a ɔsombo ma no paa yare a oowu.


Afei asraafoɔ he de no firii hɔ kɔɔ adi hɔ (Ammrado abankɛseɛ mu hɔ), na bɛfrɛɛ asrafokuo he nyinaa hyiaeɛ.


Da a odi hɔ he, oduruu Kaesarea. Na Konelio nso afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfonom nyinaa ɔɔtwɛne bɛ.


Na berɛ a bɛɛhwehwɛ sɛ bebeku no he, asrafokuo so sahene he nyaa amanebɔ sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ gyegyeegye;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite