Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 1:9 - Apam Foforɔ

9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ a na bɛɛhwɛ no he, bɛmaa no so, na mununkum bɛkataa no so a afei na benhu no bio.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 1:9
17 Referans Kwoze  

Na afei Awurade Yesu ne bɛ kasa wieeɛ he, Nyankopɔn maa no so kɔɔ soro kɔtenaa ne nsa nifa so.


de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.


Afei nne a ano ɔdene firi soro bɛkaa sɛ, “Homforo mmra soro ha.” Na berɛ a na bɛ atamfoɔ ɔɔhwɛ bɛ he, bɛfaa mununkum mu kɔɔ soro.


Na afei, sɛ hohu Nipa Ba he sɛ ɔɔkɔ soro, baabi a na ɔya kane he nso ɛ?


Na afei hobehu sɛ Nipa Ba he nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ ɔɔba.


Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he.


Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”


Afei yɛ a yɛte ase a yɛaka he, bɛbɛfa yɛ aka bɛ ho akɔ soro mununkum mu akohyia Awurade ya wiem; na saa ne yɛ ne Awurade bɛtena daa.


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite