26 Na bɛtwee bɛ so ntonto; na ntonto he bɔɔ Matia, na bɛde no kaa asomafoɔ dubaako he ho.
Na Petro ne dubaako he sɔre gyinaeɛ; afei Petro teaam ka kyerɛɛ nnipa a bɛya hɔ he sɛ, “Yudafoɔ ne ho a hote Yerusalem nyinaa, honyɛ aso ntie nea meebɛka yi!
Na ɔsɛee amane nson Kanaan asaase so akyi he, ɔkyekyɛɛ asaase he de maa bɛ sɛ bɛ agyapadeɛ;
Afei asomafoɔ he twaa Yesu ho hyiaeɛ, na bɛkaa nea bɛayɔ ne nea bɛakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.
Nti besusuu nnipa mmienu, Yosef a bɛfrɛ no Barsaba a bɛtoo ne dini Yusto, ɔne Matia.
Besii kuro he afasuo sii aboɔ dummienu a bɛatwerɛ Dwammaa he asomafoɔ dummienu he dini ya so he so.