Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 1:15 - Apam Foforɔ

15 Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 1:15
31 Referans Kwoze  

Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahenum berɛ korɔ mu, bemu dodoɔ da so te ase, ɔyam sɛ binom adeda deɛ.


Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.


Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho.


Nti asɛm yi trɛɛ anuanom he mu sɛ saa suani he onwu; nso Yesu anka sɛ suani he onwu, na mmom ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔbɛtena hɔ akosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?”


“Nso ho mu kakraa bi a bɛya Sardi he mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa bɛ ntaadeɛ mu. Na bɛ ne me bɛnante berɛ a bɛhyɛ ntaade fitaa, efiri sɛ, bɛfata sɛ bɛyɔ saa.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.


Nso masrɛ ama wo, na wo ampa wo gyidie; na wo deɛ sɛ daakye wo sane gyina a, hyɛ wo nuanom dene.”


Na ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ bi sɛ, “Soro ahennie he te sɛ sinapi aba a bi koduaa no n’afuom;


Nti ɔde bɛ baa fie na ɔsom bɛ sɛ ahohoɔ. Adeɛ kyeeɛ he ɔsɔre ne bɛ kɔeɛ, na agyidifoɔ binom a befiri Yopa ka bɛ ho.


Afei asomafoɔ he ne agyidifoɔ a bɛya Yudea he tee sɛ amanamane mufoɔ he nso agye Nyankopɔn asɛm.


Nti Honhom he ka kyerɛɛ me sɛ me ne bɛ nkɔ, menntwentwɛne me nane ase koraa. Na anuanom nsia yi nso ne me kɔeɛ, na yɛhyɛne beema he fie.


na ohuu no he, ɔde no baa Antiokia. Nti ɔbaa sɛ afe mũ he nyinaa he, bɛne asafo he hyia, na bɛkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii, na Antiokia ne bedii kane frɛɛ asuafoɔ he Akristofoɔ.


Nti asuafoɔ he nyinaa bɔɔ bɛ adwene pɔ sɛ bɛde nnoɔma biaa bebetumi ayi bɛkɔ akɔsom agyidifoɔ a bɛya Yudea he,


Na ɔde ne nsa yɔɔ nsɛnkyerɛnee kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnyɛ dinn. Na ɔkyerɛɛ bɛ kwane a Awurade nam so yii no firii afiase hɔ. Na ɔkaa bio nso sɛ, “Honkɔka yei nkyerɛ Yakobo ne agyidifoɔ he.” Na ofirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Na Yudafoɔ a bɛannye anni he tutu guu amanamane mufoɔ he asom ma benyaa anuanom ho adwemmɔne.


Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”


Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse.


Na agyidifoɔ a bɛya Listra ne Ikonium he kaa ne ho asɛm pa.


Befirii afiase he bɛkɔɔ Lidia fie. Na berɛ a bɛhyɛɛ anuanom nkurane wieeɛ he, bɛkɔeɛ.


Berɛ a bɛanhu bɛ he, bɛtwee Yason ne agyidifoɔ binom kɔmaa kuro he mu atumfoɔ, na bɛteateaam sɛ, “Mmeema a bɛadane wiase ani he aba ha nso,


Na ntɛmaa agyidifoɔ he maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na bekoduruiɛ he, bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu.


Na ntɛmaa agyidifoɔ he gyaa Paulo kwane koduruu po he ano nohoa, na Silas ne Timoteo deɛ bɛtenaa hɔ.


Nso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho hɔ he, ɔne agyidifoɔ he dii nkra na ɔde po so hyɛne firii hɔ kɔɔ Siria a na Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔbɔɔ ti kwa ya Kenkrea, efiri sɛ, na berɛ a ɔde asi hɔ sɛ ootua ne ho nnoɔma bi he aba awieeɛ.


Afei esiane sɛ na ɔpɛ sɛ otware kɔ Akaia nti, agyidifoɔ he hyɛɛ ne nkurane, na bɛtwerɛɛ krataa kɔmaa asuafoɔ he srɛɛ bɛ sɛ bɛnnye no fɛ so. Nti berɛ a oduruu hɔ he, ɔboaa bɛ a bɛnam Nyankopɔn adom so agye adi he paa,


Afei kwane a yetu firii Tiro he de yɛ koduruu Ptolemai, na yɛkyeakyea agyidifoɔ he na yɛtenaa bɛ nkyɛne da koro.


Berɛ a yeduruu Yerusalem he, anuanom de anigyeɛ gyee yɛ.


sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ badwa he nyinaa di me adanseɛ. Megyegyee tumi-krataa firii bɛ hɔ de kɔmaa anuanom a bɛya Damasko. Na mesiim sɛ meekɔ Damasko akɔkyekye nnipa a bɛya hɔ a bɛnam Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so de bɛ aba Yerusalem ama bɛatwe bɛ aso.


Yehuu agyidifoɔ bi ya hɔ, na bɛsrɛɛ yɛ sɛ yɛntena bɛ nkyɛne nnanson. Na afei yɛkɔɔ Roma.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite