Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 1:14 - Apam Foforɔ

14 Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho.

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 1:14
27 Referans Kwoze  

Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


na yɛ nso yebetu yɛ ho asi hɔ ama mpaebɔ ne asɛm he nkyerɛkyerɛ.”


Honkura mpaebɔ mu, na homfa aseda nwɛne mpaebɔ mu.


Na betuu bɛ ho sii hɔ maa asomafoɔ he nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa, paanoo bubuo ne mpaebɔ.


Homma ho ani nnye anidasoɔ mu, honto ho boase amaneɛ mu, hontu ho ho nsi hɔ ma mpaebɔ.


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Bibiaa a hode gyidie bɛsrɛ mpaebɔ mu he, ho nsa bɛka.”


Na Pentekoste da he duruiɛ he, na bɛ nyinaa ahyia faako.


Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?”


Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom


Na bɛtenaa asɔre fie hɔ daa yii Nyankopɔn ayɛ.


Na ogu so ɔɔkasa kyerɛ nnipadɔm he, ne maame ne ne nuanom begyinaa abɔntene pɛɛ sɛ bɛ ne no kasa.


Na ɔyɛ Maria Magdalene, ne Yohana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmaa a aka a bɛka bɛ ho he kaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ he.


Na mmaa he nso a bɛne no firi Galilea baeɛ he dii akyire kɔhwɛɛ da he ne sɛdeɛ bɛde n’amu he too hɔ faeɛ.


Bio nso, na bɛ a benim no he nyinaa gyinagyina akyiri. Na mmaa a bedii n’akyi firii Galilea he nso gyinagyina hɔ ɔɔhwɛ yeinom.


Na homeda twaam he, Maria Magdalene ne Yakubu maame Maria ne Salome kɔtɔɔ aduhwam sɛ bɛde ɔɔkɔsra Yesu.


Ná mmaa bi nso gyina akyirikyiri ɔɔhwɛ, bemu bi ne Maria Magdalene ne Yakoko a ɔyɛ kumaa ne Yose maame Maria Salome.


Na mmaa bebree ya hɔ a begyina akyirikyiri ɔɔhwɛ nea ɔɔkɔ so he; bɛ ne bedii Yesu akyi firii Galilea maa no deɛ ohia.


Na dɔno heaa mu he, bɛsɔre sane kɔɔ Yerusalem, na bekohuu dubaako he ne bɛ a bɛka bɛ ho he sɛ bɛahyiam,


Na bɛbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina abɔntene pɛ sɛ behu wo.”


Nti deɛ ɔka kasa foforɔ he, ma no mmɔ mpaeɛ nserɛ akyɛdeɛ a bɛde kyerɛ kasa foforɔ ase he nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite