Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Asomafoɔ 1:11 - Apam Foforɔ

11 Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”

Gade chapit la Kopi




Asomafoɔ 1:11
23 Referans Kwoze  

Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


efiri sɛ Awurade he ankasa de nteamu dendene, bɔfo panyini frɛ ne Nyankopɔn totorobɛnto nne, bɛsiane afiri soro, na Kristo mu awufoɔ anyane kane.


Na afei bebehu Nipa Ba he sɛ osiane mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Na sɛ mekosiesei baabi ma ho a, mɛba bio, na mabɛfa ho akɔ me nkyɛne, na nea meya he ho nso hoaba hɔ.


“Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.


Na Nipa Ba he ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi soro, na asaase so mmusuakuo nyinaa besu, na bebehu ‘Nipa Ba he sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ nam soro mununkum mu ɔɔba.’


“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


sɛ hootwɛne ne Ba he afiri soro, deɛ onyane no firii awufoɔ mu he, mekyerɛ Yesu a ɔgye yɛ firi abufuo a ɔɔba mu he.


Na afei hobehu sɛ Nipa Ba he nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ ɔɔba.


na bɛ a bɛne no firi Galilea kɔɔ Yerusalem he huu no nna pii, na seesei bedi ne ho adanseɛ kyerɛ nkurofoɔ.


Berɛ a hu aka mmaa he na bɛasisi bɛ ti aseɛ he, mmeema he ka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Mmɛ nti ne hoohwehwɛ teasefoɔ awufoɔ mu yi?


Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi?


Na ɔyɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na bebisaa sɛ, “Aa! Bɛ a bɛɛkasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ?


Saa berɛ yi nso, Petro annye antom. Na ɔyɛɛ kakra he, bɛ a begyina hɔ he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka bɛ ho ampa, na woyɛ Galileani.”


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”


Na afei Awurade Yesu ne bɛ kasa wieeɛ he, Nyankopɔn maa no so kɔɔ soro kɔtenaa ne nsa nifa so.


de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.


Na ɔkaa yeinom wieeɛ a na bɛɛhwɛ no he, bɛmaa no so, na mununkum bɛkataa no so a afei na benhu no bio.


ofiri Yohane asubɔ so de besi da a bɛfaa no firii yɛ nkyɛne kɔɔ soro he mu baako ne yɛ yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.”


a ɔsɛ sɛ ɔtena soro kosi berɛ a bebesiesie nnoɔma nyinaa sɛnea Nyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron he so firi teteete aka he.


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite