9 Ɔnyɛ sɛ yenni ho kwane, na mmom sɛnea yɛbɛyɔ nhwɛsoɔ ama ho asua nti ne yɛyɔɔ saa.
Na hoaa honim sɛ, ɔsɛ sɛ hosua yɛ, berɛ a na yɛya ho nkyɛne he, yɛannante basabasa,
saa ara nso ne yɛanhwehwɛ nnipa anim animuonyam amfiri ho nkyɛne anaa afoforɔ hɔ, mpo nka yebetumi ayɛ adesoa sɛ Kristo asomafoɔ
Ɔsɛ sɛ bɛ a bɛakyerɛkyerɛ bɛ asɛm he, bɛ ne bɛ akyerɛkyerɛfoɔ he kyɛ nnepa nyinaa.
Na yei nti ne Nyankopɔn frɛɛ ho, efiri sɛ, Kristo he ankasa huu amanneɛ maa ho de saa nhwɛso he gya ho, sɛnea hobedi n’anammɔno akyi.
Na maama ho nhwɛsoɔ sɛnea mayɔ ho he, ho nso honyɔ saa.
hommfa akwantuo bɔtɔ, anaa ntaadeɛ mmienu, anaa mpaboa anaa poma; na mmom adwumayɔni akatua fata no.
Afei, metu ho fo sɛ, honsua me.
Honnhyɛ bɛ a bɛde bɛ ahyɛ ho nsa he so, na mmom honyɛ nhwɛso pa mma nnwankuo he.