7 Na hoaa honim sɛ, ɔsɛ sɛ hosua yɛ, berɛ a na yɛya ho nkyɛne he, yɛannante basabasa,
Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so.
Ɔnyɛ sɛ yenni ho kwane, na mmom sɛnea yɛbɛyɔ nhwɛsoɔ ama ho asua nti ne yɛyɔɔ saa.
Afei, metu ho fo sɛ, honsua me.
Sɛnea mesua Kristo he, homma ɔnyɛ nhwɛsoɔ mma ho.
Anuanom, homma me nyɛ nhwɛsoɔ mma ho, na homma bɛ a bɛabrabɔ te sɛ yɛ he nyɛ nhwɛsoɔ mma ho.
Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,
Mma biaa mmu wo babunuyɛ animtia, na mmom yɛ nhwɛsopa kasaa, nneyɔeɛ, dɔ, gyidie ne ahoteɛ mu.
Hoyɛ adansefoɔ, na ne Nyankopɔn nso di adanseɛ sɛ, yɛyɛɛ yɛ ho kronkron ne ateneneefoɔ ne nnipa a bɛ ho nni asɛm maa ho agyidifoɔ.
Homfa deɛ hoasua, na hoanya, na hoate, na hoahu no me mu he nyɔ adwuma, na asomdwie Nyankopɔn he ne ho bɛtena.
Honnhyɛ bɛ a bɛde bɛ ahyɛ ho nsa he so, na mmom honyɛ nhwɛso pa mma nnwankuo he.
Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.