Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Tesalonikafoɔ 3:2 - Apam Foforɔ

2 na benyi yɛ mfiri nnipa amumuyɔfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, efiri sɛ, ɔnyɛ nnipa nyinaa ne wɔ gyidie.

Gade chapit la Kopi




2 Tesalonikafoɔ 3:2
18 Referans Kwoze  

sɛ bɛbɛgye me afiri Yudeafoɔ a bɛnnye asɛmpa he nni he nsam, na me som a mɛsom Yerusalem he asɔ ahoteefoɔ he ani,


Nso nyɛ bɛ nyinaa ne bɛayɔ setie ama asɛmpa he; efiri sɛ Yesaia dɛ, “Awurade, hwane ne agye yɛ asɛm adi?”


Na binom gyee nea ɔkaeɛ he diiɛ, binom nso annye anni.


Efiri sɛ na yɛpɛ sɛ yɛba ho nkyɛne, ampaa sɛ, me Paulo, mepɛɛ mprɛ pii sɛ mɛba, nso Satan sii yɛ kwane.


Na Yudafoɔ a bɛannye anni he tutu guu amanamane mufoɔ he asom ma benyaa anuanom ho adwemmɔne.


Na Yudafoɔ he hyɛɛ mmaa a bedi mu, ne mmeema atitire he kutupa ma bɛtaa Paulo ne Barnaba pamoo bɛ firi mpɔtamu hɔ.


Na Yudafoɔ he huu nnipakuo he, ahoɔyea hyɛɛ bɛ ma. Na bɛkaa abususɛm de bɔɔ nea Paulo kaeɛ he abira.


Meeka akyerɛ ho sɛ, obebu atɛntenenee ama bɛ ntɛm so. Nso sɛ Nipa Ba he ba a, obehu gyidie ankasa asaase so anaa?”


“Honnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Efiri sɛ, hoyi mmee ne nunum ne kumin mma ho ntotosoɔ du du, na hobu ho ani gu mmara he mu nnoɔma deɛ ohia kyɛne yeinom he so: atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne gyidie. Yeinom a ohia kɛseɛ he ne nka ɔsɛ sɛ hoyɔ berɛ a hommu ho ani ngu deɛ aka he nso so.


Yesu buaa sɛ, nneemmafoɔ a honni gyidie na hoamane, mentena ho nkyɛne nkosi da bɛ? Onkosi da bɛ ne menya ho ho aboterɛ? Homfa no mmra me.”


Nso Awurade gyinaa m’akyi na ɔmaa me ahoɔdene, de kaa asɛmpa he nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a amanamane mufoɔ nyinaa bɛte. Nti oyii me firii gyata anum.


Na sɛ nnipa anidasoɔ nti ne me ne bɛ a bɛ ani ɔdene sɛ wuram mmoa kõõ Efeso dea, abɛ mfasoɔ ne menya? Sɛ awufoɔ nsɔre a, “Homma yennidi na yɛnom, na kyena na yɛawu.”


Na Yudafoɔ he ani bereeɛ, na bɛboaboa nsɛmmɔnefoɔ bi ano dwa so maa kuro he mu yɛɛ bagyabagya. Na bɛto hyɛɛ Yason fie so hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ bɛbra bɛ a bɛɛyɔ basabasa he.


efiri sɛ nyansa biaa nnim sɛ mede deduani bɛkɔ a menkyerɛ asɛm a bɛde ato no so he.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite