Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Tesalonikafoɔ 3:15 - Apam Foforɔ

15 Nso hommmu saa nipa he sɛ ho tamfoɔ, na mmom honkasa nkyerɛ no sɛ nua.

Gade chapit la Kopi




2 Tesalonikafoɔ 3:15
17 Referans Kwoze  

Nipa a ɔde mpaepaemu ba a woakasa akyerɛ no baako ne ne mprenu so, na wantie he, wo ne no nya twaka biaa,


Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.


ɔsɛ sɛ hode saa nipa he hyɛ Satan nsa na ama ne honam he sɛe, na ne kra anya nkwa Awurade da he.


Mentwerɛ yei mfa nhyɛ ho aniwuo, na mmom mede ootu ho fo sɛ adɔfoɔ.


Anuanom, sɛ hohu sɛ bi afom a, ho a hoyɛ honhom mufoɔ he mfa akoma a ɔdwo mfa saa nipa he nsi yie. Honhwɛ ho ho yie sɛ ho nso bɛnnsɔ ho nhwɛ.


“Sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔka ne mfomsoɔ kyerɛ no, berɛ a ho mmienu nkoaa hoahyia. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.


Yei nti ne menni ho nkyɛne he, meetwerɛ yei abra ho, na sɛ meba a, me ne ho anni no dendene, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ dene na memmfa nsɛe he teɛ.


Na afei sɛ me hoahoa me ho boro so kakra ya tumidie a Awurade de ama yɛ sɛ yɛmfa nhyɛ ho dene, na ɔnyɛ sɛ yɛde bebu ho aba mu he ho mpo a, m’ani nwu.


Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so.


Anuanom, hommerɛ papayɔ ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite