Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Tesalonikafoɔ 2:15 - Apam Foforɔ

15 Nti afei anuanom, honnyina pintinn, na honkura nkyerɛkyerɛ a yɛde gyaa o he mu, sɛ ɔnam yɛ anom asɛm anaa yɛ krataa bi so he.

Gade chapit la Kopi




2 Tesalonikafoɔ 2:15
10 Referans Kwoze  

Na meyi ho ayɛ sɛ hokae me nnoɔma nyinaa mu na hokura amammerɛ he mu sɛdeɛ mede gyaa ho he.


Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so.


hommma bɛmfa honhom anaa asɛm anaa nwoma a bɛka sɛ ofiri yɛ nkyɛne, sɛ ebia Awurade da he anya aduru, nnaadaa ho anaa mmɔ ho hu, berɛ a honyɔɔ nhwehwɛmu.


Honwɛne, honyina pintinn ho gyidie mu, honya akokoɔduro, honyɛ dene.


Saa nti, me nuanom a medɔ ho na m’ani agyina ho, m’anigyeɛ ne m’abotire, honnyina pintinn Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.


Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu.


Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,


Adɔfonom, berɛ a meebɔ mmɔdene atwerɛ ho afa nkwagyeɛ a yɛ nyinaa te mu he ho he, mehuu sɛ ohia sɛ metwerɛ de fa hia ohia sɛ hoyere ho ho gyina gyidie a Nyankopɔn de ahyɛ ahoteefoɔ nsa prɛko he ho.


Na sɛ bi antie yɛ asɛm a ɔya krataa yi mu a, honhyɛ no nso, ho ne no mmɔ fekuo, na ama n’ani awu.


Ɔsɛ sɛ okura asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ a ne nyinasoɔ ne nkyerɛkyerɛ pa he mu yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ a odi mu atu fo na ɔde ayi bɛ a bɛkasa tia nɔkorɛ he atɛne nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite