Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Tesalonikafoɔ 1:4 - Apam Foforɔ

4 Esiane boasetɔ ne gyidie a hoda no adi taa ne ahohia a hohyia nyinaa mu nti, ɔma yɛ ankasa yɛhoahoa yɛ ho ma ho Nyankopɔn asafo mu.

Gade chapit la Kopi




2 Tesalonikafoɔ 1:4
24 Referans Kwoze  

efiri sɛ ho hia boasetɔ, sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ hoyɔ deɛ Nyankopɔn pɛ wie a, ho nsa bɛka deɛ wahyɛ ho bɔ he.


Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,


Na hwane ne yɛ anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛ Awurade Yesu Kristo anim ya ne ba he mu, ho nso, honni mu bi anaa?


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Na sɛ mede ho hoahoa me ho kyerɛ no a, m’ani nwu, na mmom sɛnea yɛkaa ho nsɛm nyinaa nɔkorem he, saa ara nso ne yɛ ahohoa a yɛhoahoa yɛ ho Tito anim he nso ada adi sɛ ɔyɛ nɔkorɛ.


Yei nti ne ɔsɛ sɛ Nyankopɔn nkurofoɔ ne bɛ a bedi Nyankopɔn mmara so na bɛgye Yesu di he nya boasetɔ he.


Nea ɔsɛ sɛ hoyɔ ne sɛ biaa bɛbɔ ne bra sɛdeɛ Awurade de maa no berɛ a Nyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ gyidini he. Saa ara ne mahyɛ ama asafo ahodoɔ he nyinaa.


na homfa ahohyɛsoɔ nka nimdeɛ ho; na homfa boasetɔ nka ahohyɛsoɔ ho; na homfa nyamesom pa nka boasetɔ ho;


Nɔkwasɛm ne sɛ, yebu bɛ a behuu amane, too bɛ bo ase ya amanehunu mu he sɛ bɛwɔ anigyeɛ amapa. Hoate Hiob amanehunu mu boasetɔ ho asɛm, na hoahu Awurade botae, sɛdeɛ ɔyɛ ayamyefoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ he.


Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no.


Awurade ntwe ho akoma nkɔ Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ he mu.


anyɛ saa na Makedoniafoɔ he bi ne me ba behu sɛ honsiesie ho ho a, yɛ anim begu ase (ɔnyɛ ho mmom) sɛ yɛde yɛ ho too ho so nti.


efiri sɛ menim ho mmɔdene a hobɔ a mede hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie bɛ ho afe di; na ho ahokeka he akanyane bɛ mu bebree.


Homma ho ani nnye anidasoɔ mu, honto ho boase amaneɛ mu, hontu ho ho nsi hɔ ma mpaebɔ.


Nso sɛ yɛ ani da nea yɛ nsa nkaeɛ so a, yɛde ntoboaseɛ twɛne.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.


Nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, atennie mu, ahokyerɛ mu, taa mu, ɔne amaneɛ mu Kristo nti; efiri sɛ meyɛ mmerɛ honam mu a meyɛ dene honhom mu.


na hoannyɛ nyaa, na mmom hoasua bɛ a bɛnam gyidie ne aboterɛ so nyaa bɔhyɛ he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite