Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Tesalonikafoɔ 1:11 - Apam Foforɔ

11 Yei nti yɛbɔ mpaeɛ ma ho daa, sɛ yɛ Nyankopɔn bɛma hoafata ne frɛ he, na wafa tumi so ama n’ayamyɛ anidasoɔ ne gyidie adwuma aba mu,

Gade chapit la Kopi




2 Tesalonikafoɔ 1:11
41 Referans Kwoze  

efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Yei ne di Nyankopɔn atemmuo a ɔtene ho adanseɛ sɛ, bebebu ho sɛ Nyankopɔn ahennie a hohu ho amaneɛ he fata ho;


nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.


Yei nti ne ɔnam yɛ asɛmpa he so afrɛ ho aba, na hoanya yɛ Awurade Yesu Kristo animuonyam.


Nyankopɔn nam Yesu Kristo so yii yɛ sii hɔ sɛ ne mma, sɛnea ɔpɛ na ɔsɔ n’ani,


Na bɛ a oyii bɛ sii hɔ he, ɔfrɛɛ bɛ nso; na bɛ a ɔfrɛɛ bɛ he, buu bɛ bem nso; na bɛ a obuu bɛ bem he, hyɛɛ bɛ animuonyam nso.


“Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho.


Na mewɔ awerɛhyɛmu sɛ, nea wahyɛ adwuma pa ase ho mu he bɛtoa soaa kosi sɛ obewie no Yesu Kristo da he mu.


Woama bɛayɛ ahemmane ne asɔfoɔ ama yɛ Nyankopɔn, na bebedi asaase so ahene.”


“Nso ho mu kakraa bi a bɛya Sardi he mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa bɛ ntaadeɛ mu. Na bɛ ne me bɛnante berɛ a bɛhyɛ ntaade fitaa, efiri sɛ, bɛfata sɛ bɛyɔ saa.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Nti, me nuanom ahoteefoɔ a ho nso hoanya soro frɛ he, honhu sɛ Yesu ne yɛ yɛ gyidie he mu Somafoɔ ne Sɔfo panyini.


memia m’ani kɔ botae he ho sɛ menya soro frɛ a Nyankopɔn afrɛ me ya Kristo Yesu mu nkunimboɔ he.


mennyae ho ho aseda a ɔsɛ sɛ meda no me mpaebɔ mu.


Na waama yɛahu nyansa nyinaa ne nhunumu ahintasɛm a ɔpɛ he, sɛnea osiesiee no Kristo mu he.


Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu,


Asaase heaa ma onyini, nea odi kane ne dua he, na afei tire he, ansa na aburoo he ankasa.


Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.


efiri sɛ, Nyankopɔn ntwe n’akyɛdeɛ ne ne frɛ nsane da.


Me ankasa mewɔ awerɛhyɛmu ma ho, me nuanom, ho ankasa hoayɛ ma nnepa a ɔyɛ nyinaa mu, nimdeɛ nyinaa ahyɛ ho ma, na hotumi kyerɛkyerɛ ho ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite