Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 8:2 - Apam Foforɔ

2 ɔne sɛ bɛ ahohia sɔhwɛ kɛseɛ mu he, berɛ a na bɛya hia bebree mu mpo he, bɛ anigyeɛ buu so maa beyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 8:2
20 Referans Kwoze  

Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.


sɛ nnipa a beedi awerɛhoɔ, nso yɛ ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nso yɛma nnipa bebree nya bɛ ho; sɛ nnipa a benni hwee nso yɛwɔ nnoɔma nyinaa.


Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,


Na hosuasuaa yɛ ne Awurade, efiri sɛ, ahohiahia pii mu mpo, hode Honhom Kronkron anigyeɛ gyee asɛm he,


fotufoɔ a, ma ontu fo; ɔma a, ma no mma no adɔeɛ mu; dikanfoɔ a, ma ɔmmɔ ne ho mmɔdene akannie mu; ahummɔborɔ a, ma ɔnyɔ no animteɛ mu.


Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,


Na hobenya ho ho nnoɔma nyinaa mu ɔnam ho ayamyɛ kɛseɛ nti, na ɔnam yɛ so ama Nyankopɔn anya aseda;


Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛ ho a ahonim di ho adanseɛ, sɛ kronkronyɛ ne nɔkorɛdie a ofiri Nyankopɔn mu, a ɔnyɛ nipa nyansa, na mmom Nyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛ bra wiase, ne titire he kwane a yɛfaa so ne ho diiɛ he mu.


Menni ho kwane sɛ mede m’agyapadeɛ yɔ deɛ meaa me pɛ? Anaa m’ayamyɛ nti na w’ani abere yi?


Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?


Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite