Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 5:1 - Apam Foforɔ

1 Na yenim sɛ, sɛ bɛsɛe yɛ asaase yi so ntomadane a yɛte mu yi a, yɛwɔ ntomadane a ofiri Nyankopɔn hɔ, ntomadane a bɛamfa nsa ne siiɛ, a ɔya soro hɔ daa,

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 5:1
25 Referans Kwoze  

Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.


Nso yɛwɔ saa agyapadeɛ yi ya nɛteɛ anwenneɛ mu, na aada adi pefee sɛ, saa tumi a ɔboro so he yɛ Nyankopɔn deɛ, na mmom omfiri yɛ.


Nso Kristo deɛ, berɛ a ɔbaa sɛ nnoɔma pa a aba he ho sɔfo panyini he, na afei ɔnam ntomadane a ɔkyɛne so na odi mu he mu he (nyɛ deɛ bɛde nsa ayɔ, meekyerɛ sɛ nyɛ adebɔ yi mu),


ne agyapadeɛ a ɔmporɔ a ho nni dɛm, na ɔmpa a bɛde asie soro ama ho.


Na mmerɛ a yɛda so ya saa ntomadane yi mu yi, yɛ ahokyerɛ mu ne yesi apinie, efiri sɛ yɛmpɛ sɛ yeyi gu hɔ, na mmom yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako he ka ho sɛ ɔbɛyɛ a nkwa bɛmene wuo he.


“Yɛtee sɛ ɔɔka sɛ, ‘Mɛsɛe asɔredane a bɛde nsa ayɔ yi, na nnansa so, mesi deɛ bɛamfa nsa anyɔ.’ ”


Sɛ saa kwane yi so ne bɛbɛfa asɛe ade nyinaa deɛ a, hedeɛ abɛ nnipa ne ɔsɛ sɛ hoyɛ ya abrabɔ kronkron ne nyamesom pa mu,


Ne mu ne bɛatwa ho twetia a bɛamfa nsa ne twaeɛ, na deɛ ɔya honam nipadua mu a beyi gu hɔ he, bɛayi no Kristo twetiatwa mu.


Yei ne bɛma yɛahu sɛ yefiri nɔkorɛ he mu, na ama yɛ akoma atɔ yɛ yam Nyankopɔn anim,


Yenim sɛ yɛatwam afiri wuo mu aba nkwa mu, efiri sɛ, yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ he te wuo mu.


Na ɔɔtwɛne kuro a ɔwɔ fapem a ne kyekyerefoɔ ne ne yɔfoɔ ne Nyankopɔn.


efiri sɛ yɛyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a yɛyɔ adwuma bom. Hote sɛ Nyankopɔn afuo, ne ne dane.


ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.


Na asɛm he ne sɛ, Sorosoroni he nte fie a bɛde nnipa nsa ayɔ mu, sɛnea diyifoɔ he kaa sɛ,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite