Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 4:1 - Apam Foforɔ

1 Saa nti yɛmpa aba, osiane sɛ Nyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so ne de saa som adwuma yi ama yɛ.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 4:1
19 Referans Kwoze  

Anuanom, hommerɛ papayɔ ho.


Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Yei nti mesrɛ ho sɛ hompa aba m’amanehunu a mehu ma ho he ho; ɔyɛ animuonyam ma ho.


Metumi fa tebea biaa mu, deɛ ɔhyɛ me dene he nti.


Nti yɛ akoma ntu, ɔyam sɛ yɛ nipadua he ɔɔsɛe deɛ, nso yɛ honhom he yɛ foforɔ da biaa.


Wowɔ boasetɔ na me dini nti, woahu amane bebree, na ne nyinaa mu he, wompaa aba.


Na honhwɛ deɛ ɔde boasetɔ faa nnebɔnyɛfoɔ nitane a bɛde tiaa no he mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hoommerɛ anaa hoompa aba, ho akomam.


Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.


Nna bi a atwam he, na honnyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ, nso afei, hoyɛ ne nkurofoɔ; nna bi a atwam he na honnim Nyankopɔn mmɔborɔhunu he, nso sɛsei deɛ, hoanya ne mmɔborɔhunu he.


ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.


Yei nyinaa firi Nyankopɔn, ɔno ne nam Kristo so atwe yɛ abata ne ho, na ɔde mpata adwuma he ahyɛ yɛ nsa;


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Afei ɔfa mmabunu ho he, Awurade mmaa me ahyɛdeɛ biaa, nso meeka m’adwene sɛ bi a Awurade mmɔborɔhunu nti ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Afei ɔtoaa so maa bɛ mfantoho bi de kyerɛɛ sɛnea ohia sɛ bɛbɔ mpaeɛ daa a bɛmpa aba.


Na Apolo ne hwane? Paulo [nso] ne hwane? Bɛyɛ asomfo a honam bɛ so bɛgye diiɛ, sɛnea Awurade de maa biaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite