Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 3:12 - Apam Foforɔ

12 Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 3:12
21 Referans Kwoze  

Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.


M’ani da so paa sɛ, m’anim ongu ase kwane biaa so, na mmom sɛ mede akokoɔduro nyinaa ɔɔkasa yi, bɛbɛma Kristo so seesei sɛnea bɛama ne so daa me nipadua mu, sɛ ɔnam nkwa so anaa ɔnam wuo so.


Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.


N’asuafoɔ he kaa sɛ, “Hwɛ! Afei wookasa pefee, ɔnyɛ mfantoho so!


efiri sɛ, bɛ a bɛsom yie sɛ asomfoɔ he, nya gyinaberɛ pa ma bɛ ho, ɔne nnamyɛ pii Kristo Yesu mu gyidie mu.


na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


na maayi no adi pefee akyerɛ sɛdeɛ ɔsɛ sɛ meyɔ.


Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,


Na sɛdeɛ yɛwɔ honhom mu gyidie korɔ sɛdeɛ atwerɛ he teɛ he, “Megye diiɛ, na ɔma mekasaeɛ,” yɛ nso yɛgye di na ɔma yɛkasa,


Nso asafo he mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene bɛka nsɛm num de akyerɛkyerɛ binom sene sɛ mɛka nsɛm mpem du kasa foforɔ mu.


Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.


Na ɔne Yudafoɔ a bɛka Hela kasa he kasa dii anobaabaeɛ. Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bebeku no.


Nti Barnaba boaa no de no kɔɔ asomafoɔ he nkyɛne, na ɔkaa sɛnea ɔde akokoɔduro akasa Yesu dini mu Damasko he ho nsɛm nyinaa kyerɛɛ bɛ.


“Menam mfantoho so aka yeinom akyerɛ ho. Berɛ he ɔɔba a memmfa mfantoho ne bɛkasa ho ho bio, na mmom mɛka Agya he ho asɛm akyerɛ ho pefee.


Nti Yudafoɔ he twa hyiaa ne ho bisaa no sɛ, “Wobɛma yɛatwɛne akosi da bɛ? Sɛ wone Kristo he a, pae mu ka kyerɛɛ yɛ pefee.”


Na sɛ deɛ beyi sii nkyɛne he nam animuonyam mu ne baeɛ a, hedeɛ na deɛ ɔtena hɔ daa he wɔ animuonyam bebree.


na anuanom he mu fa kɛseɛ he nam me mpokyerɛ he so anya Awurade mu awerɛhyemu ma bɛde akokoɔduro kɛseɛ ka Nyankopɔn asɛm a bensuro koraa.


Yei nti, owom sɛ mewɔ akokoɔduro Kristo mu sɛ metumi ahyɛ wo ama woayɔ nea ɔsɛ sɛ woyɔ deɛ,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite