Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 2:12 - Apam Foforɔ

12 Mebaa Troa bɛkaa Kristo asɛmpa he, kwane bi bie maa me Awurade mu;

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 2:12
20 Referans Kwoze  

Nti betwaam Misia kɔɔ Troa.


Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.


Na hommɔ mpaebɔ mma yɛ nso, sɛ Nyankopɔn bebie pono ama n’asɛm, sɛ yɛbɛka Kristo ho ahintasɛm a ɔno nti meda afiase he,


efiri sɛ bɛabie pono kɛseɛ a mu adwuma bɛsõ aba ama me, nso bɛ a bɛasɔre atia dɔɔso.


Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he


Nti na nkanea pii ya abrosane so dane a na yɛahyia mu he mu.


Nti yɛfaa nsuo so firi Troa baa Samotrake tee, na adeɛ kyeeɛ he, yɛkɔɔ Neapoli.


Sɛ nnipa binom wɔ ho kwane sɛ betwa honam mu mfasoɔ firi ho mu a, yenni ho kwane nkyɛne bɛ anaa? Nso ne nyinaa mu he, yɛmfaa saa akwanya yi so mpɛɛ mfasoɔ mfirii hɔ nkyɛne, yɛhyɛ yɛho so sene sɛ yɛde bibi besi Kristo asɛmpa he kwane.


Saa kwane heaa so ne Awurade hyɛɛ sɛ, bɛ a bɛka asɛmpa he nso nnya bɛ ano aduane.


Sɛ meka asɛmpa he a, ɔnsɛ sɛ mede hoahoa me ho, efiri sɛ ɔyɛ ahyɛdeɛ a ɔda me so sɛ meyɔ. Na sɛ manka asɛmpa he a, mennue!


Na sɛ yɛ asɛmpa he so akata ampa a, so akata ama bɛ a bɛɛyera.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


Na yɛasoma ɔne ne onua bi a asafo he nyinaa agye no atom ɔnam asɛmpa a ɔka he nti,


Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,


Na yɛanyɔ antra adwuma a Nyankopɔn de maa yɛ sɛ yɛnyɔ berɛ a yɛbaa ho nkyɛne he; efiri sɛ yɛde Kristo asɛmpa he abeduru ho nkyɛne nso.


Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.


Anaa mayɔ bɔne sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa he kyerɛɛ ho kwa na mebrɛɛ me ho ase sɛ ɔbɛyɔ a bɛbɛma ho so?


na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛ nua ne Nyankopɔn mu somfo ya Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ ho dene, na ontu ho fo ho gyidie ho,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite