Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 13:5 - Apam Foforɔ

5 Honsɔ ho ho nhwɛ sɛ hote gyidie he mu anaa. Hommisa ho ho nhwɛ! Anaa honnim sɛ Yesu Kristo te ho mu?—Gye sɛ ebia homfata deɛ.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 13:5
50 Referans Kwoze  

Ɔsɛ sɛ biaa sɔ ne ho nhwɛ ansa na wadi paanoo he, na wanom kuruwaa he ano bi.


na mmom mehyɛ me nipadua he dene na ama matumi ahyɛ me ho so, sɛ ɔbɛyɔ a meeka asɛm akyerɛ binom he, ankɔba sɛ bebeyi me totwene.


Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.


Ɔsɛ sɛ biaa sɔ n’ankasa n’adwuma hwɛ. Na adwuma a biaa ayɔ he ne ɔde bɛhoahoa ne ho, na ɔnyɛ deɛ bi foforɔ ayɔ,


Honhwɛ yie na Nyankopɔn adom he ammɔ biaa; na nhini biaa a nwonwono yam amfifiri ho mu na ammɛyɛ haw amma ho, na angu nnipa bebree ho fi.


Na sɛ yetumi hu nipa ko a yɛyɛ a, hedeɛ nka bemmu yɛ atɛne.


Nnipa a bɛte saa he ka sɛ benim Nyankopɔn, nso bɛde bɛ nneyɔeɛ po no. Bɛyɛ Nyankopɔn akyiwadeɛ, asoɔdenfoɔ, bɛnyɛ ma adwuma pa biaa.


na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Sɛ Kristo te ho mu a, ewom sɛ honam he awu deɛ, ɔnam bɔne nti, nso honhom he wɔ nkwa ɔnam tenenee nti.


Nti, esiane sɛ bɔhyɛ da so ya hɔ sɛ yebetumi ahyɛne n’ahomegyeɛ mu nti, homma yɛnhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnntɔ ho sini daakye;


Honnim sɛ mmirikatufoɔ nyinaa si akane akansie mu, nso baako pɛ ne nya nkunim abotire he? Saa ara nso ne hontu mmirika sɛdeɛ hobedi nkunim.


Honnim sɛ hoyɛ Nyankopɔn asɔredane na Nyankopɔn Honhom te ho mu?


Hontena me mu na me nso mentena ho mu. Sɛnea mmane bi ankasa ntumi nso aba gye sɛ ɔtena bobe he mu he, saa nso ne hontumi nso aba gye sɛ hotena me mu.


Kasa kyerɛ nkokora sɛ bɛnnyɔ bibi mma ɔntraso, bɛma bɛ anim nyɛ duru, na bɛmfa nyansa, dɔ ne boasetɔ nyɛ dene gyidie he mu.


ɔne sɛ Kristo nam gyidie so bɛtena ho akoma mu, sɛdeɛ hoagye nhini na ho ase atim dɔ mu.


Maada wo dini adi akyerɛ bɛ, na mɛda no adi akyerɛ, sɛ ɔbɛyɛ a dɔ a wode adɔ me he bɛtena bɛ mu, na matena bɛ mu.”


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.


a bɛagye ahini, na bɛde bɛ ani asi Kristo so, na bɛayɛ dene gyidie mu, sɛdeɛ bɛkyerɛɛ ho heaa, na ho aseda adɔɔso.


Bɛne Nyankopɔn ayi bɛ sɛ benhu sɛnea n’ahintasɛm yi animuonyam kɛseɛ he bɛda adi amanamane mufoɔ mu, ɔno ne Kristo a ɔya ho mu a ɔyɛ animuonyam anidasoɔ he.


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


Me mma nkumaa a meko ho awoɔ bio sɛ ɔbɛyɛ a Kristo su bewie pɛyɛ ho mu,


Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ.


Anaa honnim sɛ ho nipadua yɛ Honhom Kronkron a honya firii Nyankopɔn hɔ a ɔte ho mu he asɔredane, na honne ho ho?


Honnim sɛ ahoteefoɔ ne bebu wiase atene? Na sɛ hobebu wiase atene a, ɔmfata ho sɛ hodi nsɛm nketewa anaa?


Bɛ a bedi me honam na bɛnom me mogyaa tena me mu, na me nso metena bɛ mu.


Obisaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, efiri sɛ na ɔno ankasa nim nea ɔɔbɛyɔ.


Homfa gyidie nnyina hɔ pintinn nsi no kwane efiri sɛ, honim sɛ amanehunu korɔ heaa ne bɛde ato ho nuanom agyidifoɔ a bɛya wiase afanaa nyinaa so sɛ otwa sɛ behu.


Na mmom sɛ ofifiri nkasɛe ne hwerɛmo a, onni mfasoɔ biaa na ɔbɛne nnome ho; n’awieeɛ ne sɛ bɛde bɛbɛhye no.


Honnim sɛ ho nnipadua he yɛ Kristo akwaa? Ɔsɛ sɛ mede Kristo akwaa yɛ adwamammɔ akwaa anaa? Daabi da!


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Saa adansedie yi yɛ nɔkorɛ. Ne saa nti yi bɛ atɛne dendene, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebekura nɔkorɛ gyidie he mu,


Sɛnea Yane ne Yambrɛ ko tiaa Mose he, saa ara ne yeinom nso ne nɔkorɛ he di asie. Bɛyɛ nnipa a bɛ adwene aporɔ na bɛ gyidie nyɛ papa.


Nso sɛ baa he tena gyidie ne dɔ ne ahoteɛ ne adwenemteɛ mu a, bɛbɛgye no nkwa n’abawoɔ mu.


Saa nipa he nkita asafo he Ti a ɔma nipadua he nyinaa aduane, na ɔnam ntoatoamu ne ahoma so ma no ka bom gyina, na onyini nyini a ofiri Nyankopɔn mu he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite