Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 12:2 - Apam Foforɔ

2 Menim nipa bi a ɔya Kristo mu a mfie dunan a atwam yi behwimm no kɔɔ soro a ɔtɔ so mmeɛnsa he mu, sɛ yei sii honam mu oo, sɛ ansi honam mu oo, mennim; Nyankopɔn nkoaa ne nim.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 12:2
40 Referans Kwoze  

“Nso berɛ a mesane baa Yerusalem a meebɔ mpaeɛ asɔrefie hɔ he, menyaa anisoadehunu.


Prɛko pɛ! Na meya honhom mu. Na hwɛ, na bɛde ahennwa bi asi soro a bi te so.


Afei yɛ a yɛte ase a yɛaka he, bɛbɛfa yɛ aka bɛ ho akɔ soro mununkum mu akohyia Awurade ya wiem; na saa ne yɛ ne Awurade bɛtena daa.


Ɛɛne ntia meyɔ saa? Mennɔ ho nti anaa? Nyankopɔn koraa nim sɛ medɔ ho!


Afei baa he woo abeemaa a ɔde dadeɛ poma bedi amane nyinaa so. Nso behwim abɔfra he kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa ho.


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.


Nea ɔsianeeɛ heaa ne foro kɔɔ sorosoro, sɛnea ɔbɛyɔ a ɔbɛma nnoɔma nyinaa awie pɛyɛ.)


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Na nnipa bebree a na bɛya Kristo mu Yuda asafo mu he, na benhuu m’anim da;


Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!


Honkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ a na bɛka me ho afiase; bɛ a bedi mu asomafoɔ he mu, na bɛya Kristo mu ansa na meeba.


Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,


asomafoɔ he teeɛ, na bedwane kɔɔ Likonia nkuro Listra ne Derbe, ne asaase a atwa ho ahyia so,


Bɛ a bedi me honam na bɛnom me mogyaa tena me mu, na me nso metena bɛ mu.


Na oohyira bɛ he ɔne bɛ ntam teteɛ na bɛmaa no so kɔɔ soro.


Awurade da he, na meya Honhom mu, na metee nne dendene bi ya m’akyi a ɔte sɛ totorobɛnto.


Honsɔ ho ho nhwɛ sɛ hote gyidie he mu anaa. Hommisa ho ho nhwɛ! Anaa honnim sɛ Yesu Kristo te ho mu?—Gye sɛ ebia homfata deɛ.


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ,


Honkyea Priska ne Akwila, bɛ a bɛ ne meyɔ adwuma Kristo Yesu mu,


Honkyea Urbano a ɔyɛ me yɔnko Kristo mu dwumayɔni, ne me dɔfoɔ Staki.


Honkyea Apele, a ɔsɔ ani Kristo mu. Honkyea bɛ a befiri Aristobulo abusua mu.


Esiane sɛ yɛwɔ sɔfopanyini kɛseɛ a waforo akɔ soro, Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn Ba he nti, homma yɛnsɔ yɛ gyidie asɛm a yɛpae mu ka he mu,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite