Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 11:2 - Apam Foforɔ

2 Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 11:2
19 Referans Kwoze  

Nea ayeforɔ he wɔ no he ne ayefokunu. Na ayefokunu adamfo a ogyina hɔ na otie ayefokunu he deɛ, n’ani gye paa. Nti m’anigyeɛ awie pɛyɛ.


Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.


Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.


Annuanom, saa kwane he so ne honam Kristo nipadua so awu mmara he fam, saa nti, hohyɛ nipa foforɔ ase, nea benyanee no firi awufoɔ mu na ɔnam so ama yɛ aso aba ama Nyankopɔn.


efiri sɛ yenim sɛ deɛ ɔnyanee Awurade Yesu he benyane yɛ ne no nso, na ɔde yɛ ne ho aba n’anim.


Na mpo sɛ howɔ ahwɛfoɔ mpem du Kristo mu a, honni agyanom bebree. Nɔkorɛ, menam asɛmpa he so awo ho Kristo Yesu mu.


Mesuro ma ho sɛ ebia adwuma a mayɔ ama ho he ayɛ kwa.


Afei nso honim, sɛnea yetuu ho nyinaa fo mmaako mmaako, sɛnea agya bi yɔ ne mma, na yɛhyɛɛ ho den, na yɛmaa ho asodie


Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite