Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 11:1 - Apam Foforɔ

1 Menya a nka hoanya me ho abotrɛ ya asɛm kakra a nteaseɛ nnim yi ho. Honya me ho abotrɛ, hoate!

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 11:1
17 Referans Kwoze  

Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Meka no aniwuo mu sɛ, yɛ deɛ yɛayɛ mmerɛ sɛ yebetumi ayɔ saa; nso deɛ bi yɛ nnam ya mu he, (meka no sɛ deɛ aba biaa nni mu,) me nso meyɛ nnam ho mu bi.


Na hode anigyeɛ nya tema ma nkwaseafoɔ, efiri sɛ hoyɛ mmadwemma.


efiri sɛ, sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Nyankopɔn; na sɛ yɛ adwene mu da hɔ a, ɔda hɔ ma ho.


Esiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia nti, otumi ne bɛ a bennim ne bɛ a bɛafom kwane he di no bɔkɔɔ;


Maayɛ sɛ kwasea! Ho ne hohyɛɛ me ma meyɔɔ saa. Nɔkorɛ di ɔsɛ sɛ nka hoyi me ayɛ, efiri sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu, nso menyɛ hwee mpo.


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia.


Howɔ deɛ hohia nyinaa dada! Hoanya hoho dada! Hoakwati yɛ adi ahene! Nɔkorɛ, sɛ menya a nka hoyɛ ahene, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛ ne ho nyinaa bedi ahene!


Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa,


Na Paulo buaa sɛ, “Sɛ menya a, nka berɛ tiaa bi oo, bere tentene bi oo, ɔnyɛ wo nkoa, na mmom nka Nyankopɔn nyɔ bɛ a beetie me nnɛ yi nyinaa nso sɛnea meteɛ yi, na mmom bengu ho mpokyerɛ sɛ me.”


Paulo yɛɛ sɛ ɔɔbɛkasa heaa, na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ he sɛ, “Yudafoɔ, sɛ asɛm yi yɛ bɔne anaa ammumuyɔdeɛ bi a, nka mɛgye ho asɛm he atum.


Yesu buaa sɛ, nneemmafoɔ a honni gyidie na hoamane, mentena ho nkyɛne nkosi da bɛ? Onkosi da bɛ ne menya ho ho aboterɛ? Homfa no mmra me.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite