Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 10:5 - Apam Foforɔ

5 ne bibiaa a ɔsõ a bɛama so atia Nyankopɔn nimdeɛ, na yɛafa adwene nyinaa nommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛ ase.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 10:5
48 Referans Kwoze  

Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.


nso mehu mmara foforɔ me honam akwaa mu a ɔne m’adwene mmara di asie, ɔma meyɔ bɔne a ɔya me nipadua mu he akoa.


Na akoma mu ne adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamane, korɔnobɔ, adansekunumu ne dinsɛeɛ firi ba.


efiri sɛ benim Nyankopɔn deɛ, nso bɛamfa anidie amma no sɛ Nyankopɔn na bɛanna no ase, nso nea bɛdwene he yɛ nsemhunu, na bɛ adwene hunu he yɛɛ sum.


efiri sɛ wiase yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Nyankopɔn. Na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔkye anyansafoɔ bɛ aniteɛ mu”


efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ: “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mama animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.”


na owiee pɛyɛ he, ɔbɛyɛɛ daa nkwa farebae maa bɛ a bɛyɛ setie ma no he nyinaa,


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


ansa na bɛayi nea onni mmara so he adi, nea Awurade Yesu de ne honhom beku no na ɔde n’ahoyie ne ne mmaeɛ he beyi no hɔ koraa.


Ɔde ne basa ayɔ ahoɔdenneɛ, waabɔ bɛ a bedi ahantansɛm bɛ akomam apansam:


Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.


Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa,


nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu—


Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,


Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.


Na sɛ bi di ho nya, sɛ bi didi ho ho, sɛ bi fa ho nommum, sɛ bi ma ne ho so, sɛ bi bɔ ho ani so a, hobehu ama no.


Na Nyankopɔn asomdwie a ɔboro nteaseɛ nyinaa so he bɛbɔ ho akoma ne ho adwene ho bane, Kristo Yesu mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite