Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 10:1 - Apam Foforɔ

1 Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 10:1
38 Referans Kwoze  

efiri sɛ, bɛka sɛ, “Ne krataa he mu oduru na tumi yam, nso ɔya yɛ ntam a, ɔmmerɛ, na ɔkasa nso a, bɛmfa n’asɛm nyɔ hwee.”


Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.


Hontie! Me, Paulo, ne meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ homa betwa ho twetia a, Kristo ho ɔmma mfasoɔ mma ho.


Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


Sɛ ɔsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho me mmerɛyɛ ho.


Na mebaa ho nkyɛne mmerɛyɛ ne suro ne ahopopoɔ mu.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Adɔfonom, mekasa kyerɛ ho sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a hoya wiase. Hontwe ho ho mfiri honam akɔnnɔ a ɔne kra he di asie he ho.


nso dɔ nti, me Paulo ankasa a meyɛ asafopanyini, na seeseiaa mesane yɛ Kristo Yesu deduani he, srɛ wo—


Me Paulo, meaa me nsa ne mede twerɛ nkyea yi. Yei yɛ adanseɛ me krataa nyinaa mu sɛ kwane a mefa so twerɛ di.


Nti afei me, Awurade mu deduani, mesrɛ ho sɛ hommɔ ho bra sɛnea ɔfata frɛ a bɛafrɛ ho he,


Honim sɛ da a medii kane kaa asɛmpa he kyerɛɛ ho he, na meyare;


Saa nipa yi ho ne mehoahoa me ho, na me a me fam deɛ menhoahoa me ho, gye sɛ me mmerɛyɛ ho.


Meka no aniwuo mu sɛ, yɛ deɛ yɛayɛ mmerɛ sɛ yebetumi ayɔ saa; nso deɛ bi yɛ nnam ya mu he, (meka no sɛ deɛ aba biaa nni mu,) me nso meyɛ nnam ho mu bi.


Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.


na sɛ meba honkyɛne a mamfa ahotɔsoɔ anyɔ m’adeɛ akokoɔduro so sɛnea mede nnamyɛ yɔ adeɛ tia bɛ a bɛhwɛ yɛ sɛnea yɛteɛ honam mu he.


Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.


Na yɛ a yɛne no bom yɔ adwuma he tu ho nso fo sɛ hommma Nyankopɔn adom a hoanya he nyɛ kwa;


Nti yɛyɛ Kristo anamusifoɔ, ɔne sɛ Nyankopɔn nam yɛ so ootu fo; nti yegyina Kristo anamu tu ho fo sɛ, homma bɛmpata ntwe ho mfam Nyankopɔn ho.


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia.


Nso ne nyinaa mu he, deɛ ntia meetwerɛ ho penpen ya nsɛm yi bi ho, te sɛ deɛ mede ɔɔkae ho bio he ne adom a Nyankopɔn de adom me


Hedeɛ, Yesaia nyaa akokoɔduro paa sɛ ɔkaa sɛ, “Bɛ a bɛanhwehwɛ me he, bɛahu me; Maayi me ho adi akyerɛ bɛ a bɛanhwehwɛ me.”


Twerɛsɛm mu nsɛm a na ɔɔkane he di: “Bɛde no baeɛ sɛ dwane a beebeku no, na sɛnea dwammaa tɔ mum nea otwitwa ne ho nwi anim he, wammie n’ano.


“Honka nkyerɛ Sion babaa, Hwɛ, wo hene ɔɔba wo nkyɛne, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba a ɔsoa nnoɔma so.”


Deɛ ɔya he ne hopɛ? Memfa abaa memmra honkyɛne, anaa dɔ deɛ ɔya dwoɔ honhom mu?


Yei nti ne me Paulo a meyɛ Kristo Yesu deduani ma ho amanamane mufoɔ,


Homma nnipa nyinaa nhu ho dwoɔ. Awurade abɛne.


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


Meaa Paulo ne mede me nsa ɔɔtwerɛ saa krataa yi sɛ metua ka biaa. Onhia mpo sɛ mɛkae wo sɛ wode me ka, mpo wo nipadua ho ka.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite