Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 1:7 - Apam Foforɔ

7 Anidasoɔ yɛwɔ no ho mu he nhinhim; efiri sɛ, yenim sɛ sɛdeɛ ho ne yɛ huu amane he, saa ara nso ne ho ne yɛ kyɛ yɛ awerɛkyekyerɛ.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 1:7
16 Referans Kwoze  

Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


Na mesuro sɛ, sɛ meba a, memmɛto ho sɛnea mepɛ; na menso honhu me sɛnea hopɛ; mesuro sɛ ebia na ntɔkwa, ahoɔyeyaa, abufuo, asinkane, nsekuro, wesewese, ahantan ne sakasakayɛ ya ho mu.


Medi ahurusie seesei, na ɔnyɛ sɛ ho werɛ hoeɛ he ntia, na mmom sɛ ho awerɛhodie he de adwensakra baeɛ ntia; efiri sɛ ho werɛ hoo Nyankopɔn kwane so, na yɛ mu bi anha ho kwane biaa so.


Sɛdeɛ hoate yɛ aseɛ kwane bi so he, sɛ Awurade Yesu da he, yɛyɛ ho ahohoahoa sɛdeɛ ho nso hoyɛ yɛ ahohoahoa.


Nsɔhwɛ biaa nni hɔ a ato ho a bi ntoo nipa bi da. Na Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ; na ɔmma bɛnsɔ ho nhwɛ ntra deɛ hobetumi, na mmom ho sɔhwɛ berɛ mu he obebie kwane ama ho, ama hoatumi agyina.


na hoka sɛ, ‘Sɛ na nka yɛya hɔ yɛ nananom berɛ so a, nka yɛ ne bɛ ommom nhwie adiyifoɔ he mogyaa ngu.’


taa a bɛtaa me, ne amanehunu a mefaa mu Antiokia, Ikonium ne Listra. Saa taa yi ne megyinaa mu! Nso Awurade gyee me firi ne nyinaa mu.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite