Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




2 Korintofoɔ 1:1 - Apam Foforɔ

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne bɛayi no sɛ Kristo Yesu somafoɔ, ɔne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a bɛya Korinto ɔne ahoteefoɔ nyinaa a bɛya Akaia mane nyinaa mu.

Gade chapit la Kopi




2 Korintofoɔ 1:1
31 Referans Kwoze  

Me, Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɔya Kristo Yesu mu bɔhyɛ he teɛ he,


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, twerɛ krataa yi de kɔma Kristo Yesu mu ahoteefoɔ a bɛya Filipi, ɔne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ; twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ a bɛya Efeso na bɛyɛ Kristo Yesu mu agyidifoɔ nyinaa:


Me, Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma bɛ a Nyankopɔn ayi bɛ gyidie ne nyamesom pa ho nɔkorɛ he nimdeɛ mu,


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛnea yɛ Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔyɛ yɛ anidasoɔ he ahyɛ he,


Me Paulo a meyɛ somafoɔ a ɔnyɛ nipa ne yii me, na afei nso bɛamfa amfa nipa bi so ne yii me, na mmom Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he ne yii me,


Sɛ Timoteo ba a, honhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔya ho nkyɛne, efiri sɛ ɔɔyɛ Awurade adwuma te sɛ meaa,


Saa ne nka ho mu bi teɛ. Na afei bɛnam yɛ Nyankopɔn Honhom so adware ho, ate ho ho, abu ho bem Awurade Yesu Kristo dini mu.


Paulo kɔɔ Derbe ne Listra, baabi a na suani bi a bɛfrɛ no Timoteo a na ne maame yɛ Yudani na ne papa nso yɛ Helani ya.


Mepɛ sɛ hohu sɛ bɛagyae yenua Timoteo; na sɛ ɔba mmerɛ pa mu a me ne no bɛba abehu ho.


Paulo, Silwano ne Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɔya yɛ Agya Nyankopɔn ɔne Awurade Yesu Kristo mu.


Paulo, Silwano ɔne Timoteo twerɛ krataa yi de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɔya Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu he. Adom ne asomdwie nka ho.


Sɛ Kristo nɔkorɛ da so ya me mu he, m’ahohoahoa yi bɛkɔ so ada adi ya Akaia fam hɔ.


efiri sɛ menim ho mmɔdene a hobɔ a mede hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie bɛ ho afe di; na ho ahokeka he akanyane bɛ mu bebree.


Afei anuanom, honim sɛ Stefano fiefoɔ ne nnipa a bedii kane de bɛ ho maa asɛmpa he ya Akaia, na bɛde bɛ ho ama ahoteefoɔ som he.


Honnyɔ deɛ ɔbɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo he sintidua,


Timoteo, me yɔnko dwumayɔni, ne Lukio ne Yason ne Sosipatro a bɛyɛ m’abusuafoɔ kyea ho.


Honkyea asafo a ɔya bɛ fie he nso. Honkyea me dɔfo Epaineto, a ɔyɛ Kristo mu abakane ya Asia he.


na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.


Me dɔ nka ho nyinaa Kristo Yesu mu. Amen!


Na Nyankopɔn ba he, Yesu Kristo a me ne Silwano ne Timoteo ka n’asɛm he, wanyɛ ano ntanta bibiaa ho, efiri sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Sɛ nea meeka yi meboa a, Nyankopɔn mmu me fɔ: na mempɛ sɛ meha ho nti ne mamma Korinto bio he.


efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.


na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛ nua ne Nyankopɔn mu somfo ya Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ ho dene, na ontu ho fo ho gyidie ho,


Paulo, Kristo Yesu deduani, ne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma yɛ dɔfoɔ ne yɛ yɔnko dwumayɔni Filemon,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite