Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Yohane 4:4 - Apam Foforɔ

4 Mma nkumaa, hoyɛ Nyankopɔn deɛ, na hoadi bɛ so nkunim, efiri sɛ, deɛ ɔya ho mu he wɔ tumi sene deɛ ɔya wiase mu.

Gade chapit la Kopi




1 Yohane 4:4
28 Referans Kwoze  

Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka afa yeinom ho? Sɛ Nyankopɔn ya yɛ afa a, hwane ne betumi ne yɛ adi asie?


efiri sɛ, biaa a Nyankopɔn awo no di wiase so nkunim, na ɔnam yɛ gyidie so ama yɛadi wiase so nkunim.


Nso, yeinom nyinaa mu he yɛnam nea ɔdɔ yɛ he so adi nkunim.


Na yɛ ankasa yenim na yɛgye Nyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛ he di. Nyankopɔn yɛ dɔ, na biaa a ɔte dɔ mu he te Nyankopɔn mu na Nyankopɔn nso te ne mu.


Na yɛ deɛ, ɔnyɛ wiase honhom ne yɛanya, na mmom honhom a ofiri Nyankopɔn mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛbɛte akyɛdeɛ a Nyankopɔn de ama yɛ he ase.


Yenim sɛ wiase nyinaa hyɛ bɔnefoɔ he tumi ase, nso yɛ deɛ yɛyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ.


Nea ɔma yehu sɛ yɛte Nyankopɔn mu, na ɔno nso te yɛ mu ne sɛ, waama yɛ ne Honhom.


Ne korakora ne sɛ, honyɛ dene Awurade ne n’ahoɔdene tumi mu.


ɔne sɛ Kristo nam gyidie so bɛtena ho akoma mu, sɛdeɛ hoagye nhini na ho ase atim dɔ mu.


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Biaa a odi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so he te Nyankopɔn mu, na Nyankopɔn nso te ne mu. Na yei ne ma yehu sɛ Nyankopɔn te yɛ mu. Na deɛ yɛde hu sɛ ɔte yɛ mu ne Honhom a ɔde ama yɛ he.


Afei ne beebebu wiase atɛne; afei ne beebetu wiase sodifoɔ afiri hɔ.


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


Nso yɛ deɛ, yefiri Nyankopɔn. Biaa a onim Nyankopɔn he tie yɛ. Na biaa a onnim Nyankopɔn he ntie yɛ. Yei mu ne yehu nɔkorɛ honhom ne atorɔ honhom.


Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ.


Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, hoadi Bronsam so. Mmɔfra nkumaa, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim Agya he.


“Aduane ya hɔ ma yafunu, na yafunu nso ya hɔ ma aduane dea,” na Nyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. Nipadua nni hɔ ma adwamammɔ, na mmom ɔya hɔ ma Awurade, na Awurade nso ya hɔ ma nipadua he.


na hote mu he mu, na hodii wiase yi su akyi, tumidie ne mpanyinnie a ɔya wiem, honhom a nnɛ ɔyɔ adwuma asoɔdenfoɔ mu, he nkwa.


atemmuo ho, efiri sɛ nea odi wiase yi so he bɛabu no fɔ.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


Me ne ho nkasa pii bio, na wiase sodifoɔ he ɔɔba, na onni tumi biaa me so


Me mma nkumaa, meetwerɛ yei abra ho na aboa ho ama hoanyɔ bɔne; na sɛ bi yɔ bɔne a, yɛwɔ kamafoɔ bi ya Agya he nkyɛne, ɔno ne Yesu Kristo teneneeni he.


ya bibiaa a yɛ akoma bu yɛ fɔ mu, efiri sɛ, Nyankopɔn so sene yɛ akoma, na onim adeɛ nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite