Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Yohane 4:1 - Apam Foforɔ

1 Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.

Gade chapit la Kopi




1 Yohane 4:1
29 Referans Kwoze  

honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;


Nso, atorɔ adiyifoɔ sɔree bɛ mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorɔfoɔ bɛsɔre ho nso ho mu, awiawia bɛ ho abɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a nɔkorɛ nni mu, na bɛapo owura he a ɔgyee bɛ he sɛ bɛ Awurade, na ɔnam so ama sɛeɛ aba bɛ so prɛko pɛ he.


Afei, Honhom he ka no pefee sɛ, awieeɛ berɛ he mu, nnipa binom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho apa gyidie he,


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.


Homma adiyifoɔ mmienu anaa mmeɛnsa nkasa, na nkaeɛ he nkari adiyie he nhwɛ.


Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.


“Afei, ɛɛne nti ne ho ankasa honntumi nhu nea ɔfata sɛ hoyɔ?


Ɔkaa sɛ, “Honhwɛ yie na bɛannaadaa ho, efiri sɛ nnipa bebree de me dini bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a bɛahyɛ he abɛne!’ Honnni bɛ akyi.


Na nnipa bɔne sisifoɔ deɛ bɛkɔ bɛ anim bɔne mu, bɛbɛdaadaa binom na binom adaadaa bɛ nso.


“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.


bi nso ɔma no nsɛnkyerɛnne, foforɔ nso nkɔmhyɛ, na foforɔ nso honhom ahodoɔ mu nhunumu, bi nso ɔma no kasa hodoɔ, na bi nso ɔma no kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ.


Menim sɛ mekɔ akyi he, mpataku bɔne bɛhyɛne ho mu a bɛɛnyɛ nwankuo he brɛbrɛ.


Na sɛ biaa ka kyerɛ ho da he sɛ, ‘Hwɛ! Kristo he di!’ Anaa ‘Hwɛ, Ɔya do a,’ honye nni,


Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.


Hommu adiyisɛm sɛ adehunu,


hommma bɛmfa honhom anaa asɛm anaa nwoma a bɛka sɛ ofiri yɛ nkyɛne, sɛ ebia Awurade da he anya aduru, nnaadaa ho anaa mmɔ ho hu, berɛ a honyɔɔ nhwehwɛmu.


Adɔfonom, mmara a meetwerɛ abra ho yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɔyɛ mmara dadaa a hoate firi mfitiaseɛ heaa. Mmara dadaa he yɛ adeɛ a hoate ho asɛm dada.


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite