1 Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.
Na dodoɔ a bɛgyee no he―meekyerɛ, bɛ a bɛgyee no dini diiɛ he―ɔmaa bɛ akwannya sɛ bɛnyɛ Nyankopɔn mma.
efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.
na mɛyɛ ho agya, na hobɛyɛ me mma, Awurade Tumfoɔ ne aka.
“Oo! Agya Teneneeni, wiase nnim wo, nso menim wo, na yeinom nim sɛ woasoma me.
Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.
Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.
Nso Nyankopɔn daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ sɛ yɛda so yɛ nnebɔnyɛfoɔ he, Kristo wu maa yɛ.
Sɛ hoya Kristo afa a, hedeɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, honam bɔhyɛ so yɛ adedifoɔ.
Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?
Na bɛbɛyɔ yei, efiri sɛ, bennim Agya he anaa me.
efiri sɛ hoawu, na bɛde ho nkwa ahinta Nyankopɔn mu sɛnea bɛde Kristo nso ahinta ne mu he.
sɛ ɔbɛde ne ho afiri nkyekyereɛ ne porɔeɛ a bɛde no ahyɛ aseɛ he mu na obenya ahofadie ya Nyankopɔn mma animuonyam he mu.
Nɔkorem he, bentumi nwu bio, efiri sɛ bɛte sɛ abɔfoɔ a bɛnnware, na esiane sɛ bɛyɛ wusɔreɛ mma nti, bɛyɛ Nyankopɔn mma.
na ɔnyɛ mane he nko, na mmom sɛnea ɔbɛyɛ na Nyankopɔn bɛka ne mma a bɛabɔ bɛ ahwete he abom ayɛ baako.
Na bɛbɛyɔ yei nyinaa atia ho ɔnam me dini nti, efiri sɛ bennim nea ɔsomaa me he.
Na abɔdeɛ he de anigyina ɔɔtwɛne Nyankopɔn mma ahoyie dendenndene;
Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.
Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.
Saa kwane yi so ne dɔ wie pɛyɛ yɛ mu, na ama yɛatumi akasa akokoɔduro mu atemmuda he, efiri sɛ sɛnea ɔteɛ he, saa nso ne yɛteɛ wiase yi mu.