Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Yohane 1:10 - Apam Foforɔ

10 Sɛ yɛka sɛ yɛnyɔɔ bɔne a, yɛma Nyankopɔn yɛ torɔfoɔ, na n’asɛm he nni yɛ mu.

Gade chapit la Kopi




1 Yohane 1:10
12 Referans Kwoze  

Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛ ho, na nɔkorɛ he nni yɛ mu.


Nti biaa a ɔgye Nyankopɔn Ba he di he wɔ saa adanseɛ yi ya n’akoma mu. Na nea ɔnnye Nyankopɔn nni he ama Nyankopɔn ayɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, wannye adanseɛ a Nyankopɔn di faa ne Ba he ho he anni.


Sɛ bi ka sɛ, “Menim no,” na nso onni ne mmara so a, saa nipa he yɛ torɔfoɔ a nɔkorɛ he nni ne mu.


ɔnam nɔkorɛ he a ɔte yɛ mu na ɔbɛtena yɛ mu akosi daa daa he nti:


Agyanom, meetwerɛ abra ho, efiri sɛ, honim nea ɔte ase firi mfitiaseɛ he. Mmabunu, meetwerɛ abrɛ ho, efiri sɛ, howɔ nwentaasoɔ. Nyankopɔn asɛm he te ho mu na hoadi bɔnefoɔ he so nkunim.


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Mma nkumaa, hoyɛ Nyankopɔn deɛ, na hoadi bɛ so nkunim, efiri sɛ, deɛ ɔya ho mu he wɔ tumi sene deɛ ɔya wiase mu.


Nea ɔgye n’adanseɛ he tom he asɔ ano sɛ Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite