Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Timoteo 1:3 - Apam Foforɔ

3 Sɛdeɛ meekɔ Makedonia a mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ bɛnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ he, saa ara nso ne,

Gade chapit la Kopi




1 Timoteo 1:3
24 Referans Kwoze  

Biaa a ɔkyerɛkyerɛ bibi foforɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo nsɛmpa ne ne nkyerɛkyerɛ a ɔyɛ nyamesompa he bɔ abira he,


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.


Saa nnoɔma yi ne si so dua, na kyerɛkyerɛ.


Sɛ wode saa nkyerɛkyerɛ yi to anuanom anim a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a bɛatete wo gyidie nsɛm ne nkyerɛkyerɛ pa a woadi akyire he mu.


Nso nea mewɔ nsɛm bi tia wo: Wososɔɔ baa bi a ne dini de Isebel, a ɔfrɛ ne ho diyifoɔ he so. Saa baa yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfoɔ anim ma bɛbɔ adwamane di abosom-nnuane.


Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he.


Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.


Na bɔne ahodoɔ nyinaa bi farebae ne sikaniberɛ a, binom adi akyire ayera kwane na bɛde yea pii awowɔ bɛ ho.


Yeinom ho ne hyɛ bɛ, na bɛannya dimmɔne biaa.


Na mewɔ ahotɔsoɔ Awurade mu sɛ me ankasa nso ɔnkyɛre, mɛba.


sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.


Na beduruu Efeso he, ogyaa bɛ hɔ; na ɔno deɛ ɔkɔɔ hyiadane mu ne Yudafoɔ he kɔyɔɔ nsɛm bi ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu.


na ɔne bɛ dii nkra ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ɔyɛ Nyankopɔn pɛ a, mɛba ho nkyɛne bio.” Yei akyi he ofiri Efeso faa po so kɔeɛ.


na aasɔ Makedonia ne Akaia ani sɛ bɛde nea bɛwɔ he bi bɛma ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he mu ahiafoɔ.


Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,


Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.


Awurade Yesu Kristo mma honya Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu Da he! Na som a ɔsom Efeso he woaa wonim.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite