Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 5:9 - Apam Foforɔ

9 efiri sɛ Nyankopɔn anyi yɛ amma n’abufuo, na oyii yɛ sɛ yɛ Awurade Yesu Kristo nti, yemmenya nkwa.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 5:9
23 Referans Kwoze  

sɛ hootwɛne ne Ba he afiri soro, deɛ onyane no firii awufoɔ mu he, mekyerɛ Yesu a ɔgye yɛ firi abufuo a ɔɔba mu he.


Nna bi a atwam he, na honnyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ, nso afei, hoyɛ ne nkurofoɔ; nna bi a atwam he na honnim Nyankopɔn mmɔborɔhunu he, nso sɛsei deɛ, hoanya ne mmɔborɔhunu he.


Yei nti meto me bo nnoɔma nyinaa mu, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛ a bɛayi bɛ he nso bebenya Kristo Yesu mu nkwagyeɛ, daa animuonyam mu.


Berɛ a Amanamane mufoɔ tee yei he, bɛ ani gyeeɛ, na bɛhyɛɛ Awurade asɛm animuonyam, na dodoɔ a na Nyankopɔn ayi bɛ ama daa nkwa he bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Na ɔno nso nti ne menyaa mmɔborɔhunu, sɛnea Yesu Kristo bɛfa me a medi kane nnebɔnyɛfoɔ mu ada abodwokyɛre adi, ayɛ nhwɛsoɔ ama bɛ a bɛbɛgye no adi anya daa nkwa.


sɛnea ɔbɛyɛ a ahohiahia yi ɔmma bi nhinhim. Na ho a honim sɛ nea ɔsɛ sɛ ɔto yɛ a ne he.


ne sintiboɔ ne sintiduatoɔ botane ama bɛ. Bɛne besonti, efiri sɛ bɛanyɛ setie amma asɛm he. Ɔno nti na beyii bɛ maeɛ.


ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.


Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.


Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam bɛ adufudepɛ so bɛka nnaadaasɛm akyerɛ ho de apɛ ho ho mfasoɔ. Na bɛ deɛ bɛ atemmuo a ɔya hɔ firi teteete he ntwentwɛne ase, saa nso ne bɛ sɛefoɔ he nso gyina bɛ aboboa ano pɛɛ.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Afei mmɛ bio? Israel nsa anka nea ɔɔhwehwɛ he. Bɛ a bɛayi bɛ he deɛ bɛ nsa kaeɛ, nso bɛ a bɛaka he deɛ beprim bɛ akoma,


sɛ ɔmfa som yi, ne asomfodwuma a Yuda firii mu gya too hɔ, faa ɔno ankasa kwane so he!”


“Na bɛatwerɛ no Nnwom nwoma he mu sɛ, ‘Ma ne tenabea nnane amanfõõ, na mma biaa ntena hɔ’; na ‘Ne hwɛfoɔ adwuma he, ma bi foforɔ nyɔ.’


Sɛnea mmerɛ bi hoyɔɔ asoɔdene tiaa Nyankopɔn nso bɛ asoɔdene nti hoanya mmɔborɔhunu he,


Nipa Ba he ɔɔkɔ sɛdeɛ bɛahyɛ ato hɔ ama no deɛ, nso nea ɔnam ne so beyi no ama he nnue! Sɛ bɛanwo saa nipa he mpo a nka ɔyɛ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite