Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 5:18 - Apam Foforɔ

18 honna ase tebea nyinaa mu; na yei ne Nyankopɔn pɛ ya ho fa mu, Kristo Yesu mu.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 5:18
11 Referans Kwoze  

na homfa aseda mma Agya Nyankopɔn daa adeɛ nyinaa mu, yɛ Awurade Yesu Kristo dini mu.


Honnnwene hwee nha ho ho, na mmom homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ mma ho adesrɛ nnuru Nyankopɔn hɔ bibiaa mu.


Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.


Nti homma yɛmfa ne so mmɔ aseda afɔreɛ ma Nyankopɔn, ɔne sɛ, aba a ofiri anofafaa a ɔbɔ ne dini mu.


Efiri seesei ɔɔkɔ he, ho nna a aka ya asaase so ha he, ɔsɛ sɛ Nyankopɔn ne di ho abrabɔ so, na mmom ɔnyɛ nipa akɔnnɔ.


Na yei ne deɛ Nyankopɔn pɛ, sɛ hode papayɔ si nnipa a benni adwene he nkwaseasɛm ano.


Na wiase ne n’akɔnnɔ ootwam, nso nea ɔyɔ Nyankopɔn apɛdeɛ he tena hɔ daa.


Na yei ne nea Nyankopɔn pɛ, ho ahoteɛ a ɔne sɛ hobɛtwe ho ho afiri adwamammɔ ho;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite