Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 5:15 - Apam Foforɔ

15 Honhwɛ sɛ ho mu biaa ɔmfa bɔne ntua bɔne ka, na honhwɛ sɛ hobɛhwɛ afoforɔ yiedie berɛ biaa.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 5:15
39 Referans Kwoze  

Hommfa bɔne ntua bɔne so ka, na hommfa yea nso ntua yea so ka. Na mmom daa, honhyirahyira, efiri sɛ, ɔno ne bɛma ho anya nhyira.


Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


Honhwehwɛ asomdwie ho ne nnipa nyinaa ntam, ɔne kronkronyɛ a deɛ ɔkwati biaa ntumi nhu Awurade he.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Na ɔnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfoɔ, na mmom, ɔsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa, ohu nkyerɛkyerɛ, ɔhyɛ ne ho so bɔne ho,


Na wo, Nyankopɔn nnipa deɛ, po yeinom nyinaa; hwehwɛ tenenee, nyamesom-pa, gyidie, dɔ, yokoduru ne dwoɔ akyi kwane.


bɛnnka biaa ho asɛmmɔne, bɛnnyɛ ntɔkwapɛfoɔ, ɔsɛ sɛ bɛ dwo na bɛde anidie ma nnipa biaa,


sɛ honnante sɛnea ɔsɛ Nyankopɔn a wafrɛ ho akɔ n’ahenie ne n’animuonyam mu he.


Honhwɛ sɛnea hobɛbɔ ho bra, honnnyɔ sɛ bɛ a bennim nyansa, na mmom honnyɔ sɛ anyansafoɔ,


Honhwehwɛ dɔ akyi kwane na hommɔ honhom akyɛdeɛ ho mmɔdene, na ne titire honhwehwɛ sɛ hobetumi ahyɛ nkɔm.


Nɔkorɛ, mfomsoɔ anya aba ho mu sɛ, hone ho ho wɔ nsɛm. Mmɛ nti ne homma bɛnyɔ bɔne ntia ho mmom? Ɛɛne nti ne homma bensisi ho mmom?


Nti homma yenni asomdwie ɔne nnoɔma a ɔma nkɔsoɔ akyi.


Hommma nyaatwom mfra dɔ mu; hontane nea ɔyɛ bɔne, honkura nea ɔyɛ papa mu;


Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ho ne bɔnefoɔ nni asie. Nso sɛ bi pae w’aso nifa mu a, dane baako he nso ma no;


Homfa anidie mma nnipa nyinaa. Honnɔ anuanom agyidifoɔ. Honsuro Nyankopɔn, na homfa anidie mma hempɔno.


Nti ho mu biaa nnɔ ne yerɛ sɛ ɔno ankasa ne ho, na yerɛ nya buo kɛseɛ ma ne kunu.


Sɛ Timoteo ba a, honhwɛ na wammɔ hu berɛ a ɔya ho nkyɛne, efiri sɛ ɔɔyɛ Awurade adwuma te sɛ meaa,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyɔ saa, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne bɛ a bedi nwoma yi mu nsɛm mu he soaa pɛ. Nyankopɔn nkoaa ne koto no sɔre no!


Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;


Na Paulo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Nyɔ wo ho bɔne biaa, na yɛ nyinaa yɛya ha!”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite