Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 5:14 - Apam Foforɔ

14 Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 5:14
40 Referans Kwoze  

pae mu ka asɛmpa he, gyina mu berɛ pa ne berɛ bɔne mu; yi atene, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Honnye nea ne gyidie ɔmmerɛ he na hommmu atɛne ya adwene nnaayɛ ho.


Yei nyinaa mu he mede ayɔ nhwɛsoɔ ama ho sɛ ɔsɛ sɛ yɛyɔ adwuma de boa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, na yɛkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ, ‘Nhyira ya ma mu sene gyeɛ.’ ”


Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.


Honkae bɛ a bɛda afiase, te sɛ deɛ ho ne bɛ ne da hɔ ɔne bɛ a bɛyɔ bɛ ayakayakadeɛ te sɛ deɛ ho ne bɛ ne ohu amaneɛ.


Na wo, Nyankopɔn nnipa deɛ, po yeinom nyinaa; hwehwɛ tenenee, nyamesom-pa, gyidie, dɔ, yokoduru ne dwoɔ akyi kwane.


ahobrɛaseɛ, dwoɔ, aboterɛ ne abodwokyɛre nyinaa mu, na honnodɔ ho ho ho ho.


Mentwerɛ yei mfa nhyɛ ho aniwuo, na mmom mede ootu ho fo sɛ adɔfoɔ.


Nti honwɛne na honkae sɛ mfie mmeɛnsa di, awia ne anadwo, mannyae sɛ mede nisuo betu ho mu biaa fo.


Ommu nnɛm a abuka he mu, na ntomabane a oofiri wisie he nso onnum no, kosi sɛ ɔde tenenee bɛkɔ nkunimdie mu.


Nti homma ho nsa a mu ago he so na honhyɛ ho nkotodwe a ayɛ mmerɛ he mu dene,


Yi nipa a ne ho nni asɛm biaa, na ɔyɛ yerɛ baako kunu, na ne mma yɛ agyidifoɔ a bɛmmɔ akohwibra, na bɛnnyɛ asoɔdene nso.


na ɔnyɛ nsadweam, ɔnyɛ pupopupo na mmom ɔdwo, na afei ɔnyɛ ntɔkwapɛfoɔ anaa sikaniberɛ.


na honyɔ ayamyɛ mma ho ho ho ho, honya ahummɔborɔ, homfa afoforɔ bɔne nkyɛ bɛ, sɛnea Nyankopɔn nam Kristo so de ho bɔne akyɛ ho he.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


efiri sɛ mamfa Nyankopɔn nhyehyɛeɛ biaa ansie ho.


Nso masrɛ ama wo, na wo ampa wo gyidie; na wo deɛ sɛ daakye wo sane gyina a, hyɛ wo nuanom dene.”


Nnipa bebree nso ya hɔ a bɛte atua, bɛyɛ kasahunufoɔ na bɛyɛ nnaadaafoɔ, ne titire ne bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu he;


Mmom, ɔnyɛ biaa ne wɔ saa nimdeɛ yi. Esiane sɛ binom de bɛ ho ahyɛ abosom mu de besi nnɛ nti, bɛdwene sɛ aduane a bedi he yɛ deɛ bɛde ma abosom; na ɔnam sɛ bɛ ahonim ɔmmerɛ nti, bɛ ho agu fi.


Nso hommmu saa nipa he sɛ ho tamfoɔ, na mmom honkasa nkyerɛ no sɛ nua.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite