Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 5:13 - Apam Foforɔ

13 Homfa anidie paa mma bɛ dɔ mu, ɔnam bɛ nnwuma nti. Ho ne biaa ntena asomdwie mu.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 5:13
21 Referans Kwoze  

Nkyene yɛ; nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, wobɛyɛ dɛ ahyɛ no nkyene? Honnya nkyene ho mu, na ho ne ho ho ntena asomdwie mu.”


Honhwehwɛ asomdwie ho ne nnipa nyinaa ntam, ɔne kronkronyɛ a deɛ ɔkwati biaa ntumi nhu Awurade he.


Na begu tenenee aba asomdwie mu ma bɛ a bɛpɛ asomdwie.


Hommɔ mmɔdene sɛ hobekura Honhom baakoyɛ mu, asomdwie mu.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.


Yei ne meehyɛ ho na ama hoadodɔ ho ho.”


Nti dwane firi mmabunu berɛ mu akɔnnɔ ho na hwehwɛ tenenee, gyidie, dɔ ne asomdwie, wo ne bɛ a befiri akoma a mu te mu frɛ Awurade he.


Na ɔno asomdwie Awurade he mma ho asomdwie adeɛ nyinaa mu daa. Awurade nka ho nyinaa ho.


Na homma Kristo asomdwie nni hene ho akoma mu, na ɔno mu ne bɛafrɛ ho aba nipadua baako mu. Na honnyɛ boniayɛfoɔ.


Ɔsɛ sɛ bɛ a bɛakyerɛkyerɛ bɛ asɛm he, bɛ ne bɛ akyerɛkyerɛfoɔ he kyɛ nnepa nyinaa.


ewom sɛ me tebea he yɛ nsɔhwɛ ma ho deɛ, nso hoammu me animtia, na hoampo me, na mmom hogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, sɛ nea hogyee Kristo Yesu ankasa he.


“Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso.


Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite