Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 4:5 - Apam Foforɔ

5 ɔnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ Amanamane mufoɔ a bennim Nyankopɔn he;

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 4:5
17 Referans Kwoze  

Kane he a na honnim Nyankopɔn he, hosomm ahonhom a bɛnyɛ Nyame kann he sɛ nkoa.


na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ.


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


Yɛ asetena berɛ a atwa mu he, yɛsɛe berɛ yɔɔ anyeaniefoɔ apɛdeɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaboro, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a bɛkyiri mu.


honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.


Homma ho ani nna hɔ, na honnyɔ bɔne; na binom nnim Nyankopɔn. Meka yei de hyɛ ho aniwuo.


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Yei nti Nyankopɔn gyaa bɛ maa akɔnnɔ porɔeɛ. Bɛ mmaa de bɛ honam fam nhyiamudie a ɔnam ne kwane so he sesaa nea ɔnnam ne kwane so,


Ne saa nti Nyankopɔn gyae bɛ maa bɛ akoma akɔnnɔ, na akɔnnɔ he de bɛ kɔɔ nnoɔma a ho nte ho, na nnoɔma a ho nte he maa bɛsɛe bɛ nipadua,


efiri sɛ menenam kuro he mu na mehwɛɛ nnoɔma a hosom he, mehuu afɔrebokyia bi a bɛatwerɛ ho, ‘Yei yɛ Nyame Bi a Yennim No Dea.’ Nti nea hosom a honnim no he, ɔnoaa ne meeka ne ho asɛm akyerɛ ho yi.


efiri sɛ yeinom nyinaa ne nnoɔma a amane a ɔya wiase he di akyi dendenndene, na ho Agya nim sɛ hohia saa nnoɔma yi.


Na ɔyɛ amanamane mufoɔ ne bɛpre yeinom nyinaa ho; na nɔkorɛ, ho Agya a ɔya soro he nim sɛ hohia yeinom nyinaa.


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite