Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 4:4 - Apam Foforɔ

4 sɛ ho mu biaa behu sɛ ɔbɛhyɛ ne nnipadua so kronkronyɛ ne anidie mu,

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 4:4
15 Referans Kwoze  

Na sɛ bentumi nhyɛ bɛ ho so a, hedeɛ bɛnware. Na ɔyɛ sɛ bɛbɛware sene sɛ honam akɔnnɔ beku bɛ.


Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


Saa ne ho, kununom nso, ɔsɛ sɛ hodwene ho yerɛnom ho ya ho asetena mu. Homfa anidie mma bɛ, na honhu sɛ bɛyɛ mmerɛ kyɛne ho, na afei nso honhu sɛ bɛne ho yɛ adedifoɔ, na bibi ansi ho mpaebɔ kwane.


Homma nnipa nyinaa nni awareɛ nni, na honngu awareɛ mpa ho fi; efiri sɛ Nyankopɔn bebu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛne.


Honnim sɛ ho nnipadua he yɛ Kristo akwaa? Ɔsɛ sɛ mede Kristo akwaa yɛ adwamammɔ akwaa anaa? Daabi da!


Nka saa yɛ deɛ, nso adwamammɔ nti, beema biaa nnya ɔnoaa ne yerɛ, na baa biaa nnya ɔnoaa ne kunu.


Adɔfonom, deɛ otwa toɔ koraa ne sɛ, deɛ ɔyɛ nɔkorɛ, deɛ anidie ya mu, deɛ ɔtene, deɛ ho te, deɛ ɔsɔ ani, deɛ ɔwɔ dini pa, sɛ bra pa bi ya hɔ a, sɛ bibi fata ayeyie a, honnwene yeinom ho.


Meeka no nipafam esiane ho honam mmerɛeɛ nti. Sɛnea hode ho honam akwaa maa fi nkoa na hoyɔɔ amumuyɔ toaa amumuyɔ so he, nti saa mmerɛ yi deɛ homfa ho ho ma sɛ tenenee nkoa nkɔ ahoteɛ mu.


Ne saa nti Nyankopɔn gyae bɛ maa bɛ akoma akɔnnɔ, na akɔnnɔ he de bɛ kɔɔ nnoɔma a ho nte ho, na nnoɔma a ho nte he maa bɛsɛe bɛ nipadua,


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Si kwane so kɔ, efiri sɛ beema yi ne nea mayi sɛ ɔmfa me dini nkɔ amanamane ne ahene ne Israel mma nkyɛne.


Nso yɛwɔ saa agyapadeɛ yi ya nɛteɛ anwenneɛ mu, na aada adi pefee sɛ, saa tumi a ɔboro so he yɛ Nyankopɔn deɛ, na mmom omfiri yɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite