Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 4:17 - Apam Foforɔ

17 Afei yɛ a yɛte ase a yɛaka he, bɛbɛfa yɛ aka bɛ ho akɔ soro mununkum mu akohyia Awurade ya wiem; na saa ne yɛ ne Awurade bɛtena daa.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 4:17
33 Referans Kwoze  

ntɛm so, mpofirem, totorobɛnto a odi akyire he hyɛne mu. Totorobɛnto he bebom, na awufoɔ benyane a bɛmprɔ da, na yɛbɛsesa.


Afei nne a ano ɔdene firi soro bɛkaa sɛ, “Homforo mmra soro ha.” Na berɛ a na bɛ atamfoɔ ɔɔhwɛ bɛ he, bɛfaa mununkum mu kɔɔ soro.


Na sɛ mekosiesei baabi ma ho a, mɛba bio, na mabɛfa ho akɔ me nkyɛne, na nea meya he ho nso hoaba hɔ.


Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu ne yɛka kyerɛ ho sɛ, yɛ a yɛte ase na yɛbɛtena ase akosi Awurade ba mu he nsane bɛ a bɛadeda he ho,


Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


Na ɔkaa yeinom wieeɛ a na bɛɛhwɛ no he, bɛmaa no so, na mununkum bɛkataa no so a afei na benhu no bio.


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni.


Na berɛ a befiri nsuo he mu pieeɛ he, Awurade Honhom hwim Filipo kɔeɛ, na Etiopiani he anhu no bio, na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwane.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woaa woaka, Na meeka akyerɛ ho, Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Nyankopɔn Tumfoɔ nifa so na ɔte soro mununkum so ɔɔba asaase so.”


Afei baa he woo abeemaa a ɔde dadeɛ poma bedi amane nyinaa so. Nso behwim abɔfra he kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa ho.


Ampa, yɛwɔ akokoɔduro, na yɛ ani gye ho mmom sɛ yebefiri nnipadua mu na yɛ ne Awurade akɔtena.


Yesu kaa sɛ, “Me a; na ‘hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Tumfoɔ he nsa nifa’ na ‘ɔnam soro mununkum mu ɔɔba.’ ”


Na menhu mmienu yi mu nea memfa: nea mepɛ ne sɛ nka mefiri wiase yi mu ne Kristo akɔtena efiri sɛ, saa mmom yɛ paa;


Nso sɛnea ne bɔhyɛ teɛ he, yɛɛtwɛne soro foforɔ ne asaase foforɔ a tenenee ahyɛ mu ma he.


Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.


Saa nti, homfa nsɛm yi nkyekyere ho ho werɛ.


Ɔno Kristo ne wu maa yɛ sɛ ɔbɛyɔ a sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛne no bɛtena ase.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite