Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




1 Tesalonikafoɔ 3:6 - Apam Foforɔ

6 Nso seesei Timoteo firii ho nkyɛne baeɛ yi, ɔde ho gyidie ne ho dɔ ho asɛmpa abra yɛ. Ɔsane ka kyerɛɛ yɛ sɛ hokae yɛ daa na ho pɛ sɛ hohu yɛ—sɛnea yɛ pɛ sɛ yehu ho he.

Gade chapit la Kopi




1 Tesalonikafoɔ 3:6
24 Referans Kwoze  

Na meyi ho ayɛ sɛ hokae me nnoɔma nyinaa mu na hokura amammerɛ he mu sɛdeɛ mede gyaa ho he.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Afei berɛ a Silas ne Timoteo nyinaa firii Makedonia beduruiɛ he, Paulo de ne berɛ nyinaa pae mu kaa asɛm he, na odii Yudafoɔ adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.


Na Nyankopɔn yɛ me danseni sɛ mede Kristo Yesu dɔ kae ho nyinaa.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo dini he nni, na yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, sɛnea ɔhyɛɛ yɛ he.


Honkae ho mpayimfoɔ, bɛ a bɛkaa Nyankopɔn asɛm he kyerɛɛ ho; honhwɛ sɛdeɛ bɛ abrabɔ wieeɛ, na honsua bɛ gyidie.


Honkae bɛ a bɛda afiase, te sɛ deɛ ho ne bɛ ne da hɔ ɔne bɛ a bɛyɔ bɛ ayakayakadeɛ te sɛ deɛ ho ne bɛ ne ohu amaneɛ.


efiri sɛ, mete wo dɔ a wode dɔ ahoteefoɔ he nyinaa ne wo gyidie a wo wɔ no Awurade Yesu mu he.


Meda Nyankopɔn a mede ahonim pa som no sɛdeɛ me nananom someeɛ he ase, berɛ a mekae wo me mpaebɔ mu, anadwo ne awia.


Na afutusɛm he botae ne dɔ a ofiri akoma pa, ahonim pa ne nɔkorɛ gyidie mu ba.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


Na yɛ deɛ, anuanom, beyii yɛ firii ho nkyɛne berɛ kakraa bi ya honam mu na ɔnyɛ akoma mu he, yɛbɔɔ mmɔdene bebree anigyina pii mu sɛ yebehu ho anim.


Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he.


Me Paulo, mede meaa me nsa ne ɔɔtwerɛ nkyea yi. Honnkae me nkɔnsɔnkɔnsɔn. Adom nka ho.


efiri sɛ, yɛate ho gyidie a ɔya Kristo Yesu mu ho asɛm, ɔne dɔ a howɔ ma ahoteefoɔ he nyinaa,


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Na afei gyidie, anidasoɔ ne dɔ, nnoɔma mmeɛnsa yi ne ya hɔ, na mu kɛseɛ paa ne dɔ.


Yei akyi he, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.


Paulo kɔɔ Derbe ne Listra, baabi a na suani bi a bɛfrɛ no Timoteo a na ne maame yɛ Yudani na ne papa nso yɛ Helani ya.


Yei nti anuanom, yɛ amaneɛ ne ahohiahia mu he ho gyidie ama yɛ were akyekyere.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite